Yosua
7 Berɛ a wɔkaa sɛ Israelfoɔ nsɛe abusudeɛ biara no, wɔanni nokorɛ, ɛfiri sɛ Sera a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no ba Sabdi ba Karmi ba Akan+ faa nneɛma a wɔkaa sɛ wɔnsɛe no+ no bi. Na Yehowa bo fuu Israelfoɔ no dendeenden.+
2 Afei Yosua somaa mmarima firii Yeriko sɛ wɔnkɔ Ai+ a ɛbɛn Bet-Awen+ wɔ Betel+ apueeɛ fam, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwia mo ho nkɔhwɛ sɛdeɛ asase no teɛ.” Enti mmarima no kɔhwɛɛ sɛdeɛ Ai teɛ.+ 3 Wɔbaeɛ no, wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Ɛnhia sɛ woma ɔman yi nyinaa foro kɔ hɔ. Ma mmarima bɛyɛ mpem mmienu anaa mpem mmiɛnsa pɛ nkɔ Ai so. Nha ɔman no nyinaa sɛ wɔnkɔ hɔ, ɛfiri sɛ wɔsua.”
4 Enti mmarima bɛyɛ mpem mmiɛnsa kɔɔ hɔ, nanso wɔdwane firii Ai mmarima no anim.+ 5 Na Ai mmarima no kunkum wɔn mu bɛyɛ aduasa nsia, na wɔtaa+ wɔn so firii kuro no ano kɔsii Sebarim, na berɛ a wɔresiane nyinaa na wɔrekunkum wɔn. Yei maa nnipa no akoma naneeɛ na ɛyɛɛ sɛ nsuo.+
6 Yosua hunuu deɛ asie no, ɔsuanee n’atadeɛ mu na ɔde n’anim butuu fam+ Yehowa adaka no anim kɔsii anwummerɛ, ɔne Israel mpanimfoɔ no, na wɔde dɔteɛ guu wɔn atifi.+ 7 Afei Yosua kaa sɛ: “Ao Awurade Tumfoɔ Yehowa, adɛn nti na wode ɔman yi atwa Yordan aba ha sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa na wɔasɛe yɛn? Yei deɛ, sɛ yɛtenaa yɛn baabi wɔ Yordan agya nohoa a, anka ɛyɛ.+ 8 Ao Yehowa, Israel na adane n’akyi akyerɛ n’atamfo yi, ɛdeɛn bio na mɛtumi aka? 9 Hwɛ, Kanaanfoɔ ne asase no so nnipa nyinaa bɛte, na wɔbɛba abɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afiri asase so.+ Ɛdeɛn na wobɛyɛ de agye wo din kɛseɛ yi?”+
10 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Sɔre! Adɛn nti na wode w’anim abutu fam? 11 Israelfoɔ ayɛ bɔne, na wɔabu m’apam+ a mede sii wɔn anim no so. Wɔafa abusudeɛ a mekaa sɛ wɔnsɛe no no bi,+ wɔawia+ bi, wɔakata so,+ na wɔde akɔka wɔn nneɛma ho.+ 12 Hwɛ, Israelfoɔ rentumi nnyina wɔn atamfo anim.+ Wɔn akyi na wɔbɛdane akyerɛ wɔn atamfo, ɛfiri sɛ wɔadane abusudeɛ. Enti sɛ moanyi abusudeɛ yi amfiri mo mfimfini ansɛe no a, merenni mo akyi.+ 13 Sɔre! Te ɔman no ho+ na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Monte mo ho ɔkyena, na deɛ Israel Nyankopɔn Yehowa aka nie: “O Israel, abusudeɛ bi wɔ wo mfimfini.+ Sɛ moanyi abusudeɛ yi amfiri mo mu a, morentumi nnyina mo atamfo anim. 14 Na ɔkyena anɔpa mmusuakuo mmusuakuo a ɛwɔ Israel nyinaa mmra mmaako mmaako, na abusuakuo a Yehowa bɛyie no,+ emu mmusua nso mmra mmaako mmaako. Afei abusua a Yehowa bɛyie no mu afie mmra mmaako mmaako. Na efie a Yehowa bɛyie no mu mmarima nso mmra mmaako mmaako. 15 Na deɛ ɔbɛyi no sɛ ɔno na abusudeɛ no wɔ ne nkyɛn no, wɔmfa gya nhye ɔne deɛ ɔwɔ nyinaa,+ ɛfiri sɛ wabu Yehowa apam so+ ayɛ aniwudeɛ wɔ Israel.”’”+
16 Na Yosua sɔree anɔpahema frɛɛ mmusuakuo a ɛwɔ Israel nyinaa baa mmaako mmaako, na wɔyii Yuda abusuakuo no. 17 Afei ɔmaa Yuda abusuakuo no mu mmusua nyinaa baa mmaako mmaako, na wɔyii Sera+ abusua no. Na ɔmaa Sera abusua no mu mmarima baa mmaako mmaako, na wɔyii Sabdi. 18 Awieeɛ koraa no ɔmaa ne fie mmarima baa mmaako mmaako, na Sera a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no ba Sabdi ba Karmi ba Akan na wɔyii no.+ 19 Afei Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: “Me ba, hyɛ Israel Nyankopɔn Yehowa animuonyam+ na ka wo bɔne kyerɛ no.+ Ɛdeɛn na woyɛeɛ? Ka kyerɛ me,+ mfa hwee nsie.”+
20 Ɛnna Akan buaa Yosua sɛ: “Nokwasɛm nie, mayɛ Israel Nyankopɔn Yehowa bɔne,+ na deɛ meyɛeɛ nie: 21 Mehunuu+ atadeɛ fɛfɛ bi a ɛfiri Sinar+ ne dwetɛ nnwetɛbena ahanu ne sika kɔkɔɔ a emu duro yɛ nnwetɛbena aduonum wɔ asadeɛ no mu, na na m’ani gye ho+ enti mefaeɛ.+ Na mede asie fam me ntomadan mu na sika no hyɛ aseɛ.”+
22 Ɛnna Yosua somaa nnipa ntɛm kɔɔ ntomadan no mu, na ampa ara na ɔde sika no ahyɛ nneɛma no ase de asie ne ntomadan mu. 23 Enti wɔyi firii ntomadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa, na wɔde bɛguu Yehowa anim. 24 Afei Yosua ne Israelfoɔ nyinaa de Sera ba Akan+ ne dwetɛ ne atadeɛ ne sika kɔkɔɔ+ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmaa ne n’anantwie ne ne mfunumu ne ne nnwan ne ne ntomadan ne biribiara a ɔwɔ baa Akor bɔn+ mu. 25 Afei Yosua kaa sɛ: “Adɛn nti na wode mmusuo aba yɛn soɔ yi?+ Yehowa nso de mmusuo bɛba wo so nnɛ.” Ɔkaa saa no, Israelfoɔ nyinaa sii no aboɔ,+ na akyire yi wɔde gya hyee wɔn.+ Enti wɔsii wɔn aboɔ. 26 Na wɔsoaa aboɔ guu ne so maa no bɛyɛɛ esie kɛseɛ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.+ Afei Yehowa bo dwoeɛ.+ Enti wɔtoo hɔ din Akor Bɔn,+ na wɔfrɛ hɔ saa de bɛsi nnɛ.