29 Na ɔsɛnee Ai+ hene no wɔ dua so kɔsii anwummerɛ,+ na berɛ a awia rekɔtɔ no, Yosua maa wɔyii ne funu firii dua no so+ kɔtoo kuro no pono ano, na wɔsoaa aboɔ pii guu ne so maa no yɛɛ esie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.
27 Na berɛ a awia kɔtɔeɛ no, Yosua maa wɔyii wɔn firii nnua no so,+ na wɔkɔtoo wɔn guu ɔbodan a wɔkɔhyɛɛ mu no mu. Na wɔde aboɔ akɛseɛ guu ɔbodan no ano bɛsi nnɛ.
17 Afei wɔyii Absalom de no kɔtoo amena kɛseɛ bi mu wɔ kwaeɛ mu hɔ, na wɔboaboaa aboɔ pii pa ano guu ne so.+ Na Israel nyinaa dwane maa obiara kɔɔ ne fie.