2 Samuel
18 Na Dawid kan nnipa a wɔka ne ho no, na ɔde apem apem so mpanimfoɔ ne ɔha ha so mpanimfoɔ sisii wɔn so.+ 2 Afei Dawid kyɛɛ nnipa no mu akuo mmiɛnsa+ de baako hyɛɛ Yoab+ nsa, na ɔde baako hyɛɛ Seruia ba Abisai,+ Yoab nua+ no nsa, na ɔde baako nso hyɛɛ Gatni Itai+ nsa. Na ɔhene ka kyerɛɛ nnipa no sɛ: “Me nso mɛfiri adi ne mo akɔ.” 3 Nanso nnipa no kaa sɛ: “Mfiri adi nkɔ bi,+ na yɛn deɛ, sɛ ɛba sɛ yɛdwane a, ɛrenyɛ wɔn asɛm.+ Sɛ mpo yɛn mu fã wu a, ɛrenyɛ wɔn asɛm, na wo deɛ, wote sɛ yɛn mu mpem du,+ enti ɛyɛ mmom sɛ wobɛfiri kuro no mu adi aboa yɛn.”+ 4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɛtene mo ani soɔ biara, mɛyɛ.”+ Na ɔhene gyinaa kuro pono+ no nkyɛn maa nnipa no nyinaa firii adi, ɔha ha ne apem apem so, kɔeɛ.+ 5 Na ɔhene hyɛɛ Yoab ne Abisai ne Itai sɛ: “Mo ne aberanteɛ Absalom nni no brɛbrɛ+ mma me.” Berɛ a ɔhene de Absalom ho ahyɛdeɛ no rema asahene no, nnipa no nyinaa teeɛ.
6 Na nnipa no siim kɔɔ wuram kɔhyiaa Israel, na wɔkɔɔ ɛko no wɔ Efraim kwaeɛ mu.+ 7 Ɛkɔwiee sɛ Israel dɔm+ no dii nkoguo+ wɔ Dawid nkoa no anim, na nnipa a wɔtotɔɔ saa da no dɔɔso kɛse, mmarima mpem aduonu. 8 Na ɛko a wɔkoo hɔ no trɛ kɔɔ asase no ani baabiara. Bio nso, nnipa a kwaeɛ no kunkum wɔn saa da no dɔɔso senee nnipa a nkrantɛ kunkum wɔn.
9 Ɛduruu baabi no, Absalom kɔpuee Dawid nkoa no anim. Saa berɛ no, na Absalom te afunumupɔnkɔ bi so, na afunumupɔnkɔ no kɔfaa dua kɛseɛ bi mman kusuu ase, na ne tiri kɔsɔɔ dua kɛseɛ no mu maa no sensɛn soro a ne nan nka fam,+ na afunumupɔnkɔ a ɔwɔ n’ase no sene kɔeɛ. 10 Ɔbarima bi kɔhunuiɛ, na ɔkɔka kyerɛɛ Yoab+ sɛ: “Hwɛ! Makɔhunu Absalom sɛ ɔsɛn dua kɛseɛ bi soɔ.” 11 Ɛnna Yoab ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ no no sɛ: “Sɛ wohunuiɛ a, adɛn nti na woammɔ no anhwe fam wɔ hɔ? Anka mede nnwetɛbena du ne abɔsoɔ bɛtua wo ka.”+ 12 Nanso ɔbarima no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Sɛ wokari nnwetɛbena apem mpo gu me nsam a, merentene me nsa nka ɔhene ba no, ɛfiri sɛ yɛn asom na ɔhene hyɛɛ wo ne Abisai ne Itai sɛ, ‘Obiara nhwɛ yie na biribi anyɛ aberanteɛ Absalom.’+ 13 Anka me na mayɛ ne kra bɔne; nso anka asɛm no renhunta ɔhene,+ na wo nso anka wobɛtwe wo ho agyina nkyɛn.” 14 N’ano siiɛ no, Yoab kaa sɛ: “Merentwentwɛn me nan ase w’anim bio!” Ɛnna ɔfaa mpɛmɛ mmiɛnsa hyɛɛ ne nsam, na ɔkɔto wɔɔ+ Absalom akomam wɔ dua kɛseɛ no mu+ berɛ a nkwa da so wɔ ne mu no. 15 Na mmeranteɛ du a wɔkura Yoab akodeɛ baa Absalom ho bɛbɔɔ no kuu no.+ 16 Ɛnna Yoab hyɛnee abɛn,+ na nkurɔfoɔ no nyinaa san firii Israel akyi; ná Yoab asianka nnipa no. 17 Afei wɔyii Absalom de no kɔtoo amena kɛseɛ bi mu wɔ kwaeɛ mu hɔ, na wɔboaboaa aboɔ pii pa ano guu ne so.+ Na Israel nyinaa dwane maa obiara kɔɔ ne fie.
18 Berɛ a Absalom te aseɛ no, ɔfaa edum bi de tim hɔ,+ Ɔhene Bɔn+ mu, na ɔkaa sɛ: “Menni ɔbabarima biara a wɔde no bɛkae me din.”+ Enti ɔde ne din too edum no so,+ na wɔafrɛ no Absalom Nkaeɛdum de abɛsi nnɛ.
19 Sadok ba Ahimahas+ deɛ, ɔkaa sɛ: “Ma mentu mmirika nkɔbɔ ɔhene amanneɛ, ɛfiri sɛ Yehowa abu atɛn agye no afiri n’atamfo nsam.”+ 20 Nanso Yoab ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ wo na wobɛkɔ akɔbɔ amanneɛ nnɛ, da foforɔ na wobɛkɔ akɔbɔ amanneɛ; ɛnnɛ deɛ, ɛnyɛ wo na wobɛkɔ akɔbɔ amanneɛ no, ɛfiri sɛ ɔhene ba paa na awuo.”+ 21 Afei Yoab ka kyerɛɛ Kusni+ no sɛ: “Kɔ na kɔka deɛ woahunu kyerɛ ɔhene.” Ɛnna Kusni no kotoo Yoab, na ɔsɔɔ mmirika mu. 22 Afei Sadok ba Ahimahas san ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Ma deɛ ɛbɛba biara mmra, ma me nso mentu mmirika nni Kusni no akyi.” Nanso Yoab kaa sɛ: “Me ba, adɛn nti na wopɛ sɛ wotu mmirika kɔ berɛ a amanneɛbɔ biara nni hɔ?” 23 Ɔsan tĩĩ mu bio sɛ: “Ma deɛ ɛbɛba biara mmra, ma mentu mmirika nkɔ.” Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Tu mmirika kɔ!” Na Ahimahas sɔɔ mmirika mu kɔfaa Ɔmantam+ kwan no so, na ɔkɔsianee Kusni no ho.
24 Ná Dawid te kuro apono+ mmienu no ntam. Ná ɔwɛmfoɔ+ no kɔ kuro pono no atifi dan mu, ɔfasuo no so. Akyire yi, ɔmaa n’ani so hwɛeɛ, na hwɛ! ɔbarima bi a ɔno nko ara nam de mmirika reba. 25 Enti ɔwɛmfoɔ no teaam ka kyerɛɛ ɔhene, na ɔhene kaa sɛ: “Sɛ ɔno nko ara na ɔnam a, ɛnneɛ asɛm wɔ n’ano.” Na ɔbaeɛ ara, na nkakrankakra, ɔbɛn hɔ. 26 Afei ɔwɛmfoɔ no hunuu ɔbarima foforɔ sɛ ɔde mmirika reba. Enti ɔwɛmfoɔ no teaam ka kyerɛɛ ɛpono ano hwɛfoɔ no sɛ: “Hwɛ! Ɔbarima foforɔ a ɔno nko ara nam de mmirika reba.” Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Ɔno nso sõ nkra.” 27 Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ: “Sɛdeɛ mehunu deɛ ɔdi kan no mmirikatuo no te sɛ Sadok ba Ahimahas+ mmirikatuo.”+ Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Ɔyɛ nipa pa+ enti ɛbɛyɛ sɛ asɛmpa+ na ɔde nam.” 28 Ɛnna Ahimahas teaam ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Asomdwoeɛ mu!” Na ɔkotoo ɔhene de n’anim butuu fam. Na ɔtoaa so sɛ: “Nhyira nka+ Yehowa wo Nyankopɔn ɛfiri sɛ nnipa a wɔmaa wɔn nsa so tiaa me wura ɔhene no, wayi wɔn ahyɛ wo nsa.”+
29 Nanso ɔhene bisaa sɛ: “Aberanteɛ Absalom ho yɛ anaa?” Ɛnna Ahimahas kaa sɛ: “Berɛ a Yoab somaa ɔhene somfoɔ ne wo somfoɔ no, mehunuu kitikiti kɛseɛ bi, nanso na mennim asɛm korɔ.”+ 30 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Sene kɔgyina nkyɛn ha.” Ɛnna ɔkɔgyinaa nkyɛn dinn.
31 Na hwɛ, Kusni+ no bɛduruiɛ, na Kusni no kaa sɛ: “Me wura ɔhene ntie amanneɛ a ɛwɔ hɔ, ɛfiri sɛ Yehowa abu atɛn ama wo nnɛ ayi wo afiri wɔn a wɔsɔre tiaa woɔ no nyinaa nsam.”+ 32 Nanso ɔhene bisaa Kusni no sɛ: “Aberanteɛ Absalom ho yɛ anaa?” Na Kusni no kaa sɛ: “Ma me wura ɔhene atamfo a wɔsɔre tiaa woɔ a wɔpɛ wo bɔne nyinaa nyɛ sɛ aberanteɛ no.”+
33 Na asɛm no haa ɔhene, na ɔforo kɔɔ kuro pono no atifi dan+ no mu, na ɔtuee sũ mu. Na ɔrekɔ nyinaa na ɔreka sɛ: “O me ba Absalom, me ba yi,+ me ba Absalom! Anka me mmom menwu, anka mensi w’ananmu, Absalom, me ba yi, me ba yi!”+