Deuteronomium 27:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 “‘Nnome nka deɛ ɔbɛbu ne papa anaa ne maame animtia.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) Deuteronomium 27:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 “‘Nnome nka deɛ ɔne ne papa yere bɛda, ɛfiri sɛ wayi ne papa nkataho.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) 2 Samuel 12:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Na afei nkrantɛ+ remfiri wo fie da,+ ɛfiri sɛ woabu me animtia na woafa Hitini Uria yere aware no.’ Dwom 63:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Wɔn a wɔrehwehwɛ me kra asɛe no no deɛ,+Asase ase tɔnn na wɔbɛkorɔ.+ Mmebusɛm 2:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Abɔnefoɔ deɛ, wɔbɛtwa wɔn afiri asase so;+ na nkontompofoɔ nso, wɔbɛyi wɔn afiri so.+ Mmebusɛm 20:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Obiara a ɔdome ne papa ne ne maame+ no, ne kanea bɛdum esum mu.+ Mmebusɛm 30:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Aniwa a ɛdi ne papa ho fɛ na ɛbu ne maame asɛm tie animtia+ no—asuo ho kwaakwaadabi bɛtutu na ɔkɔdeɛ mma adi.
20 “‘Nnome nka deɛ ɔne ne papa yere bɛda, ɛfiri sɛ wayi ne papa nkataho.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’)
10 Na afei nkrantɛ+ remfiri wo fie da,+ ɛfiri sɛ woabu me animtia na woafa Hitini Uria yere aware no.’
17 Aniwa a ɛdi ne papa ho fɛ na ɛbu ne maame asɛm tie animtia+ no—asuo ho kwaakwaadabi bɛtutu na ɔkɔdeɛ mma adi.