Mmebusɛm
2 Me ba, sɛ wogye me nsɛm tom+ na wode m’ahyɛdeɛ sie,+ 2 na wowɛn w’aso ma nyansa,+ na wokom w’akoma ma nhunumu;+ 3 sɛ wosu frɛ nteaseɛ+ na woma wo nne so frɛ nhunumu;+ 4 sɛ woyere wo ho hwehwɛ no sɛ dwetɛ,+ na wopɛ n’akyiri kwan sɛ akoradeɛ a ahunta+ a, 5 ɛno na wobɛte Yehowa suro+ ase, na woanya Onyankopɔn ho nimdeɛ.+ 6 Ɛfiri sɛ Yehowa na ɔma nyansa,+ na n’anom na nimdeɛ ne nhunumu fire.+ 7 Ɔbɛkora nyansa+ so ama ateneneefoɔ; ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔnante mũdie* mu,+ 8 ɛfiri sɛ n’ani wɔ tenenee kwan+ so, na ɔbɛwɛn n’anokwafoɔ+ kwan. 9 Ɛno na wobɛte tenenee ne atemmuo ne teeyɛ ase; ɛno ne papayɛ akwan nyinaa.+
10 Sɛ nyansa ba w’akoma mu+ na nimdeɛ sɔ wo kra ani+ a, 11 adwempa bɛhwɛ wo so,+ na nhunumu abɔ wo ho ban,+ 12 na agye wo afiri kwammɔne so,+ na ayi wo afiri nkontomponi nsam;+ 13 ɛbɛgye wo afiri wɔn a wɔmane firi tenenee kwan so kɔnante sum mu+ no nsam, 14 ɛbɛyi wo afiri wɔn a wɔn ani gye bɔne ho+ nsam, aane, wɔn a wɔde ahurisie di akɔntɔnkyesɛm+ no; 15 wɔn a wɔn akwan akyea na wɔn nanteɛ mu yɛ hu;+ 16 ɛbɛyi wo afiri ɔbaa hohwini*+ nsam, na ayi wo afiri ɔbaa huhuni* a n’ano yɛ dɛ nsam;+ 17 ɔno na wagya ne mmabaaberɛ mu yɔnko berɛboɔ,+ na ne Nyankopɔn apam mpo ne werɛ afi.+ 18 Ne fie siane kɔ owuo mu, na n’akwan siane kɔ awufoɔ mu.+ 19 Obiara a ɔkɔ ne ho rensan mma, na ɔrensi ateasefoɔ akwan so bio.+
20 Yei bɛma woanante nnipa pa+ kwan so, na woafa ateneneefoɔ kwan so.+ 21 Na ateneneefoɔ na wɔbɛtena asase soɔ,+ na wɔn a asɛm nni wɔn ho na wɔbɛka soɔ.+ 22 Abɔnefoɔ deɛ, wɔbɛtwa wɔn afiri asase so;+ na nkontompofoɔ nso, wɔbɛyi wɔn afiri so.+