Mmebusɛm
3 Me ba, mma wo werɛ mmfiri m’ahyɛdeɛ,+ na me mmara nsɛm nso, ma w’akoma nni so,+ 2 ɛfiri sɛ onyinkyerɛ ne nkwa mfeɛ+ ne asomdwoeɛ na ɛde bɛka wo ho.+ 3 Mma adɔeɛ ne nokorɛ nnnya wo.+ Fa to wo kɔn mu.+ Twerɛ no w’akoma pono so,+ 4 na woanya adom ne ntease pa Onyankopɔn ne onipa anim.+ 5 Fa w’akoma nyinaa to Yehowa so,+ na mfa wo ho ntwere wo ara wo nteaseɛ.+ 6 Hu no w’akwan nyinaa mu,+ na ɔno na ɔbɛma w’akwan atene.+
7 Nyɛ w’ani so onyansafoɔ.+ Suro Yehowa na dane firi bɔne ho.+ 8 Ma no nyɛ ayaresa+ mma wo funuma, na ɛnyɛ ahotɔ mma wo nnompe.+
9 Fa w’ahonyadeɛ hyɛ Yehowa animuonyam,+ ne wo nnɔbaeɛ nyinaa mu deɛ ɛdi kan.+ 10 Ɛno na adedodoɔ bɛyɛ w’adekora adan mã ama no abu soɔ,+ na nsã foforɔ abu so wɔ wo nsã-kyi-amena mu.+
11 Me ba, mpo Yehowa ntenesoɔ,+ na n’animka nso, nkyiri,+ 12 ɛfiri sɛ deɛ Yehowa dɔ no na ɔka n’anim,+ sɛdeɛ agya yɛ ne ba a ɔpɛ n’asɛm+ no.
13 Anigyeɛ ne onipa a ɔhunu nyansa,+ ne onipa a ɔnya nhunumu,+ 14 ɛfiri sɛ ɛyɛ ahonyadeɛ sene dwetɛ, na n’aba sene sika.+ 15 Ɛsom bo sene mmota,+ na afɛfɛdeɛ foforɔ biara a wowɔ ne no nsɛ. 16 Onyinkyerɛ wɔ ne nsa nifa mu;+ na ahonya ne animuonyam nso wɔ ne benkum mu.+ 17 N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’atempɔn nyinaa yɛ asomdwoeɛ.+ 18 Ɛyɛ nkwa dua+ ma wɔn a wɔsɔ mu, na wɔn a wɔkura mu den+ no, wɔbɛfrɛ wɔn anigyeɛ.+
19 Yehowa de nyansa na ɛtoo asase fapem.+ Nhunumu so na ɔnam de ɔsoro tim hɔ.+ 20 Ne nimdeɛ mu na ɔpaee subunu mu+ ma ɔsoro mununkum sosɔ bosuo daa.+ 21 Me ba, mma no mmfiri w’ani so.+ Kora nyansa ne adwempa,+ 22 na ɛbɛyɛ nkwa ama wo kra+ ne animuonyam wɔ wo kɔn mu.+ 23 Ɛno na wobɛnante dwoodwoo+ wo kwan soɔ, na wo nan rempem biribi.+ 24 Sɛ wokɔda a, woremmɔ hu;+ na wobɛda, na wo nna ayɛ wo dɛ.+ 25 Worensuro akomatusɛm a ɛbɛba wo so mpofirem biara,+ anaa ahum a ɛbɛba abɔnefoɔ soɔ no;+ 26 ɛfiri sɛ Yehowa na ɔbɛyɛ w’ahotɔsoɔ,+ na ɔno na ɔbɛbɔ wo nan ho ban na wɔankye wo.+
27 Mfa yieyɛ nkame wɔn a ɛsɛ wɔn,+ berɛ a wowɔ tumi a wode bɛyɛ.+ 28 Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ: “Kɔ, na san bra, na ɔkyena mɛma wo,” berɛ a wowɔ biribi.+ 29 Mmɔ wo yɔnko ho pɔ bɔne+ biara, berɛ a ɔne wo te asomdwoeɛ mu.+ 30 Wo ne obi nnham ɔhamhunu,+ berɛ a ɔnyɛɛ wo bɔne+ biara.
31 Mma w’ani mmmere ɔsɛmmɔnedifoɔ,+ na mfa n’akwan+ biara. 32 Yehowa+ kyiri nkontomponi,+ na teefoɔ na Ɔne wɔn di atirimusɛm.+ 33 Yehowa nnome wɔ ɔbɔnefoɔ fie so,+ na ateneneefoɔ tenabea deɛ, ɔhyira.+ 34 Afɛdifoɔ+ deɛ, ɔbɛdi wɔn ho fɛ;+ na ɔbɛdom ahobrɛasefoɔ.+ 35 Animuonyam na anyansafoɔ bɛnya,+ na nkwaseafoɔ deɛ, animguasedeɛ na wɔn ani gye ho.+