Mmebusɛm 6:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Nneɛma nsia na Yehowa kyire;+ nson na ɛyɛ ne kra tan:+ Mmebusɛm 6:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 ani a ɛtra ntɔn,+ atorɔ kɛtrɛma,+ ne nsa a ɛhwie mogya a ɛdi bem guo,+ Mmebusɛm 11:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Akoma mu kɔntɔnkyefoɔ yɛ Yehowa akyiwadeɛ,+ na wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ ma n’ani gye.+ Luka 16:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo na mobu mo ho bem nnipa anim,+ nanso Onyankopɔn nim mo akoma mu;+ ɛfiri sɛ deɛ ɛyɛ kokuroo wɔ nnipa anim no yɛ akyiwadeɛ wɔ Onyankopɔn ani so.+
15 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo na mobu mo ho bem nnipa anim,+ nanso Onyankopɔn nim mo akoma mu;+ ɛfiri sɛ deɛ ɛyɛ kokuroo wɔ nnipa anim no yɛ akyiwadeɛ wɔ Onyankopɔn ani so.+