15 “Na sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnneɛ nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
24 Afei Yosua ne Israelfoɔ nyinaa de Sera ba Akan+ ne dwetɛ ne atadeɛ ne sika kɔkɔɔ+ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmaa ne n’anantwie ne ne mfunumu ne ne nnwan ne ne ntomadan ne biribiara a ɔwɔ baa Akor bɔn+ mu.
25 Nanso Ester baa ɔhene anim na ɔhene maa wɔtwerɛɛ+ sɛ: “Ma pɔ bɔne+ a wabɔ no Yudafoɔ no ho no nnane mmɔ ɔno ara ne tiri so.”+ Afei wɔsɛnee ɔne ne mma no dua so.+
4 ‘Me na mama afiri adie, na ɛbɛkɔ korɔmfoɔ ne deɛ ɔde me din ka ntanhunu no fie;+ na ɛbɛtena hɔ na asɛe fie no, emu nnua ne aboɔ nyinaa,’+ Asafo Yehowa asɛm nie.”