5 Ester kaa sɛ: “Sɛ manya ɔhene anim adom+ na ɔbɛpene so na ɛyɛ ma no na n’ani gye me ho ampa a, ma wɔntwerɛ nkɔtwa Agagni+ Hamedata ba Haman apam a ɔtwerɛɛ+ sɛ wɔnsɛe Yudafoɔ+ a wɔwɔ ahemman+ no nyinaa mu no mu.
10 Na ɔde Ɔhene+ Ahasweros din twerɛ de ɔhene pɛtea+ sɔɔ+ ano, na wɔde krataa no somaa abɔfoɔ a wɔtete ɔhene apɔnkɔ soɔ,+ apɔnkɔbereɛ a wɔn ho yɛ hare mma so.
13 Ɛnna Ester kaa sɛ: “Sɛ ɔhene bɛpene so a,+ ma Yudafoɔ a wɔwɔ Susan no kwan na ɔkyena nso wɔnyɛ deɛ mmara maa wɔyɛɛ no nnɛ no,+ na wɔmfa Haman mma du no nso nsensɛne dua so.”+