Ester
8 Saa da no, Ɔhene Ahasweros de Haman+ a na ɔmpɛ Yudafoɔ asɛm+ no fie maa Ester, na Mordekai bɛgyinaa ɔhene anim, ɛfiri sɛ na Ester aka sɛ ɔyɛ ne busuani.+ 2 Afei ɔhene no yii ne pɛtea+ a ɔgye firii Haman hɔ no maa Mordekai, na Ester de Mordekai sii Haman+ fie so.
3 Ester san ne ɔhene bɛkasaeɛ; ɔhwee ne nan ase suiɛ na ɔsrɛɛ+ no sɛ ɔnsakra pɔ+ bɔne+ a Agagni Haman bɔɔ no Yudafoɔ ho no.+ 4 Afei ɔhene de ne sika poma+ no kyerɛɛ Ester so, na ɔsɔre gyinaa ɔhene no anim. 5 Ester kaa sɛ: “Sɛ manya ɔhene anim adom+ na ɔbɛpene so na ɛyɛ ma no na n’ani gye me ho ampa a, ma wɔntwerɛ nkɔtwa Agagni+ Hamedata ba Haman apam a ɔtwerɛɛ+ sɛ wɔnsɛe Yudafoɔ+ a wɔwɔ ahemman+ no nyinaa mu no mu. 6 Mɛyɛ dɛn atumi ahwɛ me manfoɔ ahohia, na mɛyɛ dɛn atumi ahwɛ m’abusuafoɔ sɛeɛ?”
7 Enti Ɔhene Ahasweros ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester ne Yudani Mordekai sɛ: “Monhwɛ, mede Haman fie ama Ester,+ na ɔno nso wɔasɛn no dua so,+ ɛfiri sɛ ɔpɛɛ sɛ ɔde ne nsa ka Yudafoɔ no. 8 Biribiara a ɛfa Yudafoɔ ho a mo ara mosusu sɛ ɛyɛ ma mo no montwerɛ no ɔhene din+ mu na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, na biribiara nni hɔ a wɔatwerɛ no ɔhene din mu de ne pɛtea asɔ ano a obi bɛtumi adane no.”+
9 Enti bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa, a ɛne bosome Siwan, da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no, wɔfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ+ baeɛ, na wɔfirii aseɛ twerɛɛ deɛ Mordekai hyɛeɛ nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne ɔhene asoafoɔ+ ne amradofoɔ ne nsase no so mmapɔmma nyinaa, ɛfiri India kɔsi Etiopia. Ná ne nyinaa yɛ amantam+ bɛboro ɔha aduonu nson, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ ɔman biara ntwerɛdeɛ+ ne wɔn kasa+ teɛ, ne sɛdeɛ Yudafoɔ nso ntwerɛdeɛ ne wɔn kasa teɛ.+
10 Na ɔde Ɔhene+ Ahasweros din twerɛ de ɔhene pɛtea+ sɔɔ+ ano, na wɔde krataa no somaa abɔfoɔ a wɔtete ɔhene apɔnkɔ soɔ,+ apɔnkɔbereɛ a wɔn ho yɛ hare mma so. 11 Ɔhene maa Yudafoɔ a wɔwɔ nkuro ahodoɔ mu no kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano+ na wɔmpere wɔn kra, na wɔnkunkum nnipa+ a wɔwɔ amantam no mu a wɔde wɔn ani asi wɔn soɔ no nyinaa, mmɔfra ne mmaa, wɔntɔre wɔn nyinaa ase na wɔmfa wɔn agyapadeɛ.+ 12 Bosome a ɛtɔ so dumienu a ɛne Adar+ no da+ a ɛtɔ so dumiɛnsa no ara+ na na wɔbɛyɛ yei wɔ aman a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros aseɛ nyinaa mu. 13 Wɔmaa krataa no mu nsɛm+ bɛyɛɛ mmara a na wɔde bɛto dwa wɔ aman a wɔhyɛ ɔhene no ase nyinaa mu na Yudafoɔ no asiesie wɔn ho ama saa da no ne wɔn atamfo adi asie.+ 14 Abɔfoɔ+ a wɔtete apɔnkɔ soɔ no hunuu sɛ ɛyɛ ɔhene asɛm nti wɔde ahoɔherɛ+ kɔɔ ntɛm. Wɔhyɛɛ mmara no wɔ Susan+ abankɛseɛ mu nso.
15 Mordekai deɛ, ɔfirii ɔhene anim kɔeɛ a ɔhyɛ ahentadeɛ+ bruu ne nwera ne sika abotire kɛseɛ ne ngugusoɔ+ a wɔde tankɔkɔɔ+ ayɛ. Na Susan kuro no dii ahurisie bɔɔ ose.+ 16 Afei deɛ, na hann ahyerɛn Yudafoɔ no so ama anigyeɛ+ ne ahosɛpɛ ne anidie ayɛ wɔn dea. 17 Ahemman no mu baabiara a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no, Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ no ani gyeeɛ, na wɔdii ahurisie too pono+ sɛpɛɛ wɔn ho. Na aman no mu nnipa+ pii yɛɛ wɔn ho Yudafoɔ,+ ɛfiri sɛ na Yudafoɔ ho hu+ atɔ wɔn so.