5 Saa berɛ yi nyinaa na Yudani barima bi wɔ Susan+ abankɛseɛ no mu a ɔde Mordekai+ a ɔyɛ Yair ba. Na Yair yɛ Simei ba, na Simei nso yɛ Benyaminni+ Kis ba.
7 Ɔno na na ɔhwɛ+ ne papa nua ba+ Ester a na ɔde Hadasa no soɔ, ɛfiri sɛ na ɔnni papa nni maame. Ná ababaa no ho yɛ fɛ paa,+ na ne papa ne ne maame wuo akyi no, Mordekai faa no sɛ ne ba.