2 Ná ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene pono ano+ nyinaa bɔ wɔn mu ase koto Haman, ɛfiri sɛ na ɔhene ahyɛ sɛ wɔnyɛ saa. Nanso Mordekai deɛ, na ɔmmɔ ne mu ase na ɔnkoto no nso.+
14 Ɛnna ne yere Seres ne ne nnamfo nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma wɔnyɛ dua+ a ne tenten yɛ basafa aduonum, na anɔpa+ ka kyerɛ ɔhene sɛ wɔnsɛne Mordekai wɔ so.+ Afei wo ne ɔhene nkɔ apontoɔ no ase anigyeɛ mu.” Asɛm no yɛɛ Haman dɛ+ na ɔmaa wɔyɛɛ dua no.+
3 Na Yudani Mordekai bɛyɛɛ Ɔhene Ahasweros abadiakyire+ ne onipa kɛseɛ Yudafoɔ mu, na ne nuanom nnipadɔm pɛɛ n’asɛm, ɛfiri sɛ na ɔhwehwɛ ne manfoɔ yiedie, na ɔkaa asomdwoeɛsɛm+ kyerɛɛ wɔn mma nyinaa.