Ester
10 Na Ɔhene Ahasweros twaa adwuma+ too asase no ne nsupɔ+ no so.
2 Na n’adwumaden ne ne tumi ne Mordekai+ kɛseyɛ ne animuonyam+ a ɔhene hyɛɛ no nyinaa wɔatwerɛ no Media ne Persia+ ahemfo no berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 3 Na Yudani Mordekai bɛyɛɛ Ɔhene Ahasweros abadiakyire+ ne onipa kɛseɛ Yudafoɔ mu, na ne nuanom nnipadɔm pɛɛ n’asɛm, ɛfiri sɛ na ɔhwehwɛ ne manfoɔ yiedie, na ɔkaa asomdwoeɛsɛm+ kyerɛɛ wɔn mma nyinaa.