Ester
10 Ɔhene Ahasweros de nnipa a wɔwɔ asaase no so ne nsupɔ so no yɛɛ nkoadwuma.
2 Na nneɛma akɛseɛ a ɔde ne tumi yɛeɛ, ne sɛdeɛ ɔhene pagyaa+ Mordekai+ maa no nyaa diberɛ kɛseɛ no ho nsɛm nyinaa, wɔatwerɛ no Media ne Persia+ ahemfo no abakɔsɛm nwoma+ mu. 3 Na Yudani Mordekai bɛyɛɛ Ɔhene Ahasweros abadiakyire. Ɔbɛyɛɛ onipa kɛseɛ wɔ Yudafoɔ mu, na ne nuanom nyinaa de anidie maa no. Ɔyɛɛ adwuma de boaa ne manfoɔ, na ɔyɛɛ deɛ ɛbɛma asi wɔn asefoɔ nyinaa yie.*