Ester
9 Berɛ a bosome a ɛtɔ so 12, kyerɛ sɛ, Adar* bosome no da a ɛtɔ so 13+ duruu sɛ wɔde ɔhene asɛm ne ne mmara yɛ adwuma,+ ɛda a na Yudafoɔ atamfo ani da so sɛ wɔbɛdi wɔn so no, nneɛma dane maa Yudafoɔ no mmom dii wɔn atamfo no so.+ 2 Yudafoɔ no boaboaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkuro mu wɔ amantam a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros ase no nyinaa mu+ sɛ wɔrekɔto ahyɛ wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn bɔne no so, na obiara antumi annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ na wɔn ho hu atɔ nnipa no nyinaa so.+ 3 Na amantam no mu aberempɔn ne ɔhene asoafoɔ+ ne amradofoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa boaa Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ na wɔsuro Mordekai. 4 Saa berɛ no, na Mordekai anya tumi+ kɛseɛ wɔ ahemfie hɔ, na ne din duruu amantam no nyinaa mu, ɛfiri sɛ yɛ ara na na Mordekai tumi reyɛ kɛse.
5 Yudafoɔ no de sekan kunkum wɔn atamfo no sɛee wɔn nyinaa, na wɔde deɛ wɔpɛ biara yɛɛ wɔn atamfo no.+ 6 Yudafoɔ no kunkum mmarima 500 wɔ Susan*+ abankɛseɛ* no mu. 7 Afei nso, wɔkunkum Parsandata ne Dalfon ne Aspata 8 ne Porata ne Adalia ne Aridata 9 ne Parmasta ne Arisai ne Aridai ne Waisata 10 a wɔyɛ Hamedata ba Haman, Yudafoɔ tamfo no+ mma mmarima du no. Nanso berɛ a wɔkunkum wɔn wieeɛ no, wɔamfa wɔn agyapadeɛ biara.+
11 Saa da no, nnipa dodoɔ a wɔkunkum wɔn Susan* abankɛseɛ mu* no, wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene.
12 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester sɛ: “Yudafoɔ no akunkum mmarima 500 wɔ Susan* abankɛseɛ mu,* na wɔakunkum Haman mma du no nso. Ɔhene amantam a aka no nso ɛ? Deɛn na wɔayɛ wɔ hɔ?+ Seesei deɛn na wopɛ? Mɛyɛ ama wo. Deɛn na menyɛ nka ho mma wo? Ka, na mɛyɛ ama wo.” 13 Ɛnna Ester kaa sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yie ama ɔhene a,+ anka ma Yudafoɔ a wɔwɔ Susan* no kwan na ɔkyena nso wɔnyɛ deɛ mmara maa wɔyɛɛ no nnɛ no bi,+ na wɔmfa Haman mma du no nso nsensɛn dua so.”+ 14 Enti ɔhene kaa sɛ wɔnyɛ saa, na wɔhyɛɛ mmara wɔ Susan,* na wɔsensɛn Haman mma du no.
15 Na Yudafoɔ a wɔwɔ Susan* no san boaboaa wɔn ho ano bosome Adar da a ɛtɔ so 14 no,+ na wɔkunkum mmarima 300 wɔ Susan,* nanso wɔamfa wɔn agyapadeɛ biara.
16 Na Yudafoɔ a aka a wɔwɔ ɔhene amantam mu no boaboaa wɔn ho ano, na wɔko peree wɔn nkwa.*+ Wɔyii wɔn atamfo no firii hɔ;+ wɔkunkum wɔn a wɔtan wɔn no 75,000, nanso wɔamfa wɔn agyapadeɛ biara. 17 Wɔyɛɛ wei Adar bosome no da a ɛtɔ so 13 no. Na da a ɛtɔ so 14 no wɔhomee, na ɛbɛyɛɛ apontoɔ ne anigyeɛ da.
18 Yudafoɔ a wɔwɔ Susan* no boaboaa wɔn ho ano da a ɛtɔ so 13+ ne da a ɛtɔ so 14+ no, na da a ɛtɔ so 15 no, wɔhomee na ɛyɛɛ apontoɔ ne anigyeɛ da. 19 Ɛno nti na Yudafoɔ a wɔtete nkuro nketewa mu no yii Adar bosome no da a ɛtɔ so 14 no sii hɔ sɛ anigyeɛ ne apontoɔ ne ahurisie da,+ ne ɛda a wɔde kyekyɛ aduane.+
20 Mordekai+ twerɛɛ deɛ ɛkɔɔ so no, na ɔde nkrataa kɔmaa Yudafoɔ a ɛwɔ amantam a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros ase no biara mu, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri nyinaa. 21 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkae Adar bosome no da a ɛtɔ so 14 ne da a ɛtɔ so 15 no, na wɔnhyɛ ho fã afe biara, 22 ɛfiri sɛ saa nna no, Yudafoɔ no home firii wɔn atamfo nsam, na saa bosome no, wɔn awerɛhoɔ danee anigyeɛ na wɔn su+ danee ahurisie. Ɔkaa sɛ wɔnhyɛ saa nna no ho fã sɛ apontoɔ ne anigyeɛ da ne berɛ a wɔkyekyɛ aduane, ne berɛ a wɔkyɛ ahiafoɔ adeɛ.
23 Enti Yudafoɔ no gye toom sɛ afahyɛ a wɔahyɛ aseɛ no, wɔbɛtoa so, na wɔbɛyɛ deɛ Mordekai twerɛ brɛɛ wɔn no. 24 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, na Agagni+ Hamedata ba Haman,+ Yudafoɔ nyinaa tamfo no abɔ pɔ sɛ ɔbɛsɛe Yudafoɔ no,+ na na wabɔ Pur+ anaa Ntonto sɛ wɔbɛma wɔn ani so atan wɔn na wasɛe wɔn. 25 Nanso berɛ a Ester kɔɔ ɔhene anim no, ɔhene maa wɔtwerɛɛ mmara sɛ:+ “Ma ɛpɔ a wabɔ sɛ ɔbɛsɛe Yudafoɔ no+ mmɔ ɔno ara ne tiri so.” Na wɔsɛn Haman ne ne mma wɔ dua so.+ 26 Ɛno nti na wɔfrɛɛ saa nna yi Purim, a ɛfiri edin Pur*+ mu no. Enti deɛ wɔatwerɛ wɔ krataa yi mu, ne deɛ ɛsisii a wɔhunuiɛ, ne deɛ aba wɔn so no nyinaa nti, 27 Yudafoɔ no yɛɛ mmara maa wɔn ho ne wɔn asefoɔ ne wɔn a wɔde wɔn ho bɛba abɛbɔ wɔn no nyinaa+ sɛ, afe biara, sɛ berɛ a wɔahyɛ no so a, sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔbɛhyɛ saa nna mmienu no ho fã, na deɛ wɔatwerɛ afa ho no nso, wɔbɛyɛ. 28 Saa nna yi, na ɛsɛ sɛ awoɔ ntoatoasoɔ biara, abusua biara, ɔmantam biara, ne kuro biara kae, na wɔhyɛ ho fã. Purim nna no, na ɛnsɛ sɛ Yudafoɔ gyae die, na wɔn asefoɔ nso, na ɛnsɛ sɛ wɔgyae die.
29 Na Abihail ba Ɔhemmaa Ester ne Yudani Mordekai twerɛɛ krataa a ɛtɔ so mmienu faa Purim no ho, na wɔde tumi a wɔwɔ nyinaa taa krataa no akyi. 30 Na wɔde nkrataa kɔmaa Yudafoɔ a ɛwɔ amantam 127+ a ɛhyɛ Ahasweros ase no mu nyinaa.+ Asomdwoeɛsɛm ne nokwasɛm na na ɛwɔ nkrataa no mu. 31 Wɔde nkrataa no mu nsɛm sii so dua sɛ, sɛ berɛ so sɛ wɔhyɛ Purim nna no ho fã a, wɔnhyɛ fã no sɛdeɛ Yudani Mordekai ne Ɔhemmaa Ester kyerɛeɛ no.+ Afei nso, wɔnhyɛ fã no sɛdeɛ wɔn ankasa yɛɛ mmara maa wɔne wɔn asefoɔ* sɛ wɔbɛhyɛ fã no,+ na wɔmfa akɔnkyene*+ ne nkotosrɛ+ nka ho. 32 Na nsɛm a ɛfa Purim+ no ho no, ahyɛdeɛ a Ester de maeɛ no hyɛɛ mu den, na wɔtwerɛɛ wɔ nwoma mu.