Ester
8 Saa da no, Ɔhene Ahasweros de Yudafoɔ tamfo+ Haman+ fie maa Ester; na Mordekai bɛgyinaa ɔhene anim, ɛfiri sɛ na Ester aka sɛ ɔyɛ ne busuani.+ 2 Afei ɔhene yii n’ahyɛnsodeɛ kawa+ a ɔgye firii Haman hɔ no, na ɔde maa Mordekai. Na Ester de Haman fie hyɛɛ Mordekai nsa.+
3 Bio nso, Ester ne ɔhene san kɔkasae. Ester butuu ne nan ase, na ɔsui, na ɔpaa no kyɛw sɛ amanehunu a Agagni Haman ama Yudafoɔ no afa mu ne ɛpɔ a ɔbɔɔ wɔ wɔn ho no, ɔnyi mfiri hɔ.+ 4 Na ɔhene de ne sika kɔkɔɔ poma no kyerɛɛ Ester so,+ na Ester sɔre gyinaa ɔhene no anim. 5 Ester kaa sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yie ama ɔhene, na sɛ manya ɔhene anim animuonyam, na ɛyɛ wɔ ɔhene ani so, na n’ani gye me ho ampa a, ɛnneɛ nkrataa a Agagni+ Hamedata ba Haman,+ onipabɔnefoɔ no twerɛɛ sɛ wɔnsɛe Yudafoɔ a ɛwɔ ɔhene amantam no nyinaa mu no, ma wɔntwerɛ krataa nkɔtwa mu. 6 Na ɛbɛyɛ dɛn koraa na matumi ahwɛ amanehunu a ɛbɛba me manfoɔ so? Na sɛ wɔrekunkum m’abusuafoɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ?”
7 Enti Ɔhene Ahasweros ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester ne Yudani Mordekai sɛ: “Hwɛ! Mede Haman fie ama Ester,+ na mama wɔasɛn Haman wɔ dua+ so, ɛpɔ a ɔbɔɔ sɛ ɔbɛha* Yudafoɔ no nti. 8 Enti seesei, biribiara a wohu sɛ ɛbɛboa Yudafoɔ no, twerɛ no me din mu, na fa ɔhene ahyɛnsodeɛ kawa no tim so. Ɛfiri sɛ mmara a wɔatwerɛ wɔ ɔhene din mu de ɔhene ahyɛnsodeɛ kawa atim so no, obiara rentumi nsesa no.”+
9 Enti saa berɛ no, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne Siwan,* da a ɛtɔ so 23 no, wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ bae, na wɔtwerɛɛ deɛ Mordekai kaeɛ nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no, ne ɔhene asoafoɔ,+ ne amradofoɔ, ne amantam no mu aberempɔn,+ ɛfiri India kɔsi Etiopia, amantam 127. Ɔmantam biara, wɔtwerɛɛ krataa no sɛdeɛ wɔn ntwerɛeɛ teɛ, na ɔman biara nso, wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ wɔn kasa teɛ, na Yudafoɔ no nso, wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ wɔn ntwerɛeɛ ne wɔn kasa teɛ.
10 Ɔtwerɛɛ nkrataa no wɔ Ɔhene Ahasweros din mu, na ɔde ɔhene ahyɛnsodeɛ kawa tintim so,+ na wɔde nkrataa no somaa nkurɔfoɔ maa wɔkɔkyekyɛe. Wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔde wɔn yɛ ɔhene adwuma so, apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare a wɔde wɔn kɔkyekyɛ nkrataa no. 11 Nkrataa no mu no, ɔhene maa Yudafoɔ a ɛwɔ nkuro nkuro no nyinaa mu kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano na wɔnko mpere wɔn nkwa.* Ɔmaa wɔn kwan sɛ, sɛ ɛdɔm bi firi ɔman anaa ɔmantam bi mu ba bɛto hyɛ Yudafoɔ no so a, Yudafoɔ no nhye wɔn ase, wɔnkunkum wɔn, na wɔnsɛe wɔn, wɔne mmaa ne mmɔfra nyinaa, na wɔmfa wɔn agyapadeɛ.+ 12 Wɔhyɛɛ da bi a na wɔde bɛyɛ wei wɔ amantam a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros ase no nyinaa mu. Bosome a ɛtɔ so 12 a ɛne Adar* no da a ɛtɔ so 13 na wɔyi sii hɔ.+ 13 Krataa no mu nsɛm no, na wɔbɛma ayɛ mmara wɔ amantam no nyinaa mu, na na wɔbɛbɔ no dawuro wɔ aman no nyinaa mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yudafoɔ no bɛyɛ krado saa da no na wɔatua wɔn atamfo so ka.+ 14 Ɔhene asɛm no nti, abɔfoɔ no de mmirika ne ahoɔherɛ siim kɔe. Wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔde wɔn yɛ ɔhene adwuma so, apɔnkɔ a wɔde wɔn kɔkyekyɛ nkrataa no. Susan*+ abankɛseɛ mu* nso, wɔhyɛɛ mmara no bi wɔ hɔ.
15 Afei Mordekai firii ɔhene no anim kɔe, na na ɔhyɛ ahentaadeɛ bruu ne fitaa. Ná sika kɔkɔɔ ahenkyɛ fɛfɛɛfɛ hyɛ no, na na ɔsan hyɛ ataadeɛ ngugusoɔ papa a wɔde ntoma afasebire ayɛ.+ Na Susan* kuro no mufoɔ dii ahurisie. 16 Na Yudafoɔ no nyaa anidasoɔ,* wɔn ani gyee, wɔdii ahurisie, na wɔnyaa animuonyam. 17 Amantam no ne nkuro no nyinaa, baabiara a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no, Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ no ani gyee, wɔbɔɔ ose, na wɔtoo pono dii ahurisie. Na asaase no so aman no mu nnipa pii kaa sɛ wɔyɛ Yudafoɔ,+ ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no ho hu atɔ wɔn so.