Ester
9 Berɛ a bosome a ɛtɔ so dumienu a ɛne Adar+ no da a ɛtɔ so dumiɛnsa duruu sɛ ɔhene asɛm ne ne mmara bɛyɛ adwuma,+ da a na Yudafoɔ atamfo ani da so sɛ wɔbɛdi wɔn soɔ no, nneɛma dane maa Yudafoɔ no mmom dii wɔn atamfo so.+ 2 Yudafoɔ no boaboaa wɔn ho ano+ wɔn nkuro mu wɔ aman a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros+ aseɛ nyinaa mu sɛ wɔne wɔn a wɔpɛ wɔn bɔne+ no bɛdi, nanso obiara antumi annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ na wɔn ho hu+ atɔ nnipa nyinaa so. 3 Na amantam no mu mmapɔmma+ ne asoafoɔ+ ne amradofoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ+ nyinaa boaa Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ na Mordekai ho hu+ atɔ wɔn so. 4 Na Mordekai yɛɛ onipa kɛseɛ+ wɔ ahemfie hɔ, na ne tumi kɔɔ so yɛɛ kɛse+ maa ne din+ trɛɛ amantam no nyinaa mu.
5 Na Yudafoɔ no de nkrantɛ+ kunkum wɔn atamfo sɛee wɔn nyinaa, na wɔyɛɛ wɔn atamfo no sɛdeɛ wɔpɛ.+ 6 Susan+ abankɛseɛ no mu hɔ nso Yudafoɔ no kunkum nnipa ahanum. 7 Na Parsandata ne Dalfon ne Aspata 8 ne Porata ne Adalia ne Aridata 9 ne Parmasta ne Arisai ne Aridai ne Waisata 10 a wɔyɛ Hamedata ba Haman+ a na ɔmpɛ Yudafoɔ asɛm+ no mma+ du no nso, wɔkunkum wɔn, nanso wɔamfa wɔn nsa anka agyapadeɛ+ biara.
11 Saa da no nnipa dodoɔ a wɔkunkum wɔn Susan abankɛseɛ mu no ho asɛm bɛduruu ɔhene anim.
12 Afei ɔhene ka kyerɛɛ Ɔhemmaa+ Ester sɛ: “Yudafoɔ akunkum nnipa ahanum wɔ Susan abankɛseɛ+ mu, na wɔakum Haman mma du no nso. Na ɛdeɛn na wɔayɛ+ no ɔhene nsase+ a aka no nso soɔ? W’abisadeɛ ne sɛn, na menyɛ mma wo?+ Ɛdeɛn bio na wohia,+ na menyɛ mma wo?” 13 Ɛnna Ester kaa sɛ: “Sɛ ɔhene bɛpene so a,+ ma Yudafoɔ a wɔwɔ Susan no kwan na ɔkyena nso wɔnyɛ deɛ mmara maa wɔyɛɛ no nnɛ no,+ na wɔmfa Haman mma du no nso nsensɛne dua so.”+ 14 Ɔhene hyɛɛ sɛ wɔnyɛ saa.+ Enti ɔhyɛɛ mmara wɔ Susan, na wɔsɛnee Haman mma du no.
15 Afei Yudafoɔ a wɔwɔ Susan no boaboaa wɔn ho ano bosome Adar da a ɛtɔ so dunan no,+ na wɔkunkum nnipa ahasa wɔ Susan, nanso wɔamfa wɔn nsa anka agyapadeɛ biara.+
16 Na Yudafoɔ a wɔwɔ ɔhene nsase+ a aka soɔ no boaboaa wɔn ho ano peree wɔn kra,+ na wɔne wɔn atamfo dii asie+ kunkum wɔn mu mpem aduɔson nnum, nanso wɔamfa wɔn nsa anka agyapadeɛ biara. 17 Wɔyɛɛ yei bosome Adar da a ɛtɔ so dumiɛnsa no. Na da a ɛtɔ so dunan no wɔhomeeɛ, na ɛbɛyɛɛ apontoɔ+ ne anigyeɛ da.+
18 Yudafoɔ a wɔwɔ Susan no boaboaa wɔn ho ano da a ɛtɔ so dumiɛnsa+ ne da a ɛtɔ so dunan no, na da a ɛtɔ so dunum no, wɔhomeeɛ na ɛyɛɛ apontoɔ ne anigyeɛ da.+ 19 Enti Yudafoɔ a wɔtete nkuro nketewa mu no yɛɛ bosome Adar+ da a ɛtɔ so dunan no anigyeɛ+ ne apontoɔ ne ahosɛpɛ da,+ na wɔkyekyɛɛ nneɛma.+
20 Afei Mordekai+ twerɛɛ yeinom ho nsɛm na ɔde krataa kɔmaa Yudafoɔ a wɔwɔ Ɔhene Ahasweros ahemman+ no nyinaa mu, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, 21 hyɛɛ+ wɔn sɛ wɔnkae bosome Adar da a ɛtɔ so dunan ne da a ɛtɔ so dunum no na wɔnhyɛ ho fã afe biara 22 sɛ nna a Yudafoɔ home firii wɔn atamfo+ nsam ne bosome a awerɛhoɔ+ danee anigyeɛ na esũ danee ahosɛpɛ no, na wɔmma no nyɛ apontoɔ ne anigyeɛ ne adekyɛ+ nna, na wɔnyɛ ahiafoɔ ayɛ.+
23 Enti Yudafoɔ no gyee deɛ wɔafiri aseɛ reyɛ ne deɛ Mordekai twerɛ brɛɛ wɔn no toom, 24 ɛfiri sɛ na Agagni+ Hamedata+ ba Haman+ a ɔmpɛ Yudafoɔ asɛm+ no abɔ pɔ sɛ ɔbɛsɛe wɔn,+ na ɔbɔɔ Pur,+ anaa ntonto,+ sɛ wɔbɛtan wɔn ani asɛe wɔn. 25 Nanso Ester baa ɔhene anim na ɔhene maa wɔtwerɛɛ+ sɛ: “Ma pɔ bɔne+ a wabɔ no Yudafoɔ no ho no nnane mmɔ ɔno ara ne tiri so.”+ Afei wɔsɛnee ɔne ne mma no dua so.+ 26 Enti na wɔfrɛ saa nna yi Purim, a ɛfiri edin Pur+ mu no. Na sɛdeɛ krataa+ yi mu nsɛm kyerɛ ne deɛ wɔn ara wɔahunu ne deɛ aba wɔn soɔ nyinaa nti, 27 Yudafoɔ no gye toom sɛ wɔne wɔn mma ne wɔn a wɔde wɔn ho bɛbɔ wɔn+ nyinaa bɛkura amanneɛ yi mu, na wɔremma no ntwam. Afe biara, ɛduru so a, wɔbɛkae nna mmienu yi ahyɛ ho fã sɛdeɛ ɛho nsɛm a wɔatwerɛ no teɛ. 28 Na ɛsɛ sɛ awoɔ ntoatoasoɔ biara, abusua biara, ɔmantam biara, ne kuro biara kae saa nna yi, na ɛnsɛ sɛ Yudafoɔ ma Purim nna yi pa wɔn tiri so, na saa ara na ɛnsɛ sɛ wɔn mma gyae die.+
29 Na Abihail+ ba Ɔhemmaa Ester ne Yudani Mordekai de tumi a wɔwɔ nyinaa twerɛ de hyɛɛ krataa a ɛtɔ so mmienu a ɛfa Purim ho yi mu den. 30 Afei ɔde krataa kɔmaa Yudafoɔ a wɔwɔ amantam+ ɔha aduonu nson a Ahasweros+ di soɔ no mu nyinaa, asomdwoeɛ ne nokorɛ mu,+ 31 na wɔde sii so dua sɛ berɛ a wɔahyɛ mu no, Yudafoɔ ne wɔn mma+ nyinaa nhyɛ Purim nna no mu den, sɛdeɛ Yudani Mordekai ne Ɔhemmaa Ester hyɛɛ wɔn+ na wɔn ara wɔsii gyinaeɛ sɛ wɔbɛhyɛ mmuadadie+ ne sufrɛ+ no ho fã no. 32 Deɛ Ester kaeɛ no hyɛɛ Purim+ nsɛm no mu den, na wɔtwerɛɛ ne nyinaa wɔ nwoma mu.