9Berɛ a bosome a ɛtɔ so dumienu a ɛne Adar+ no da a ɛtɔ so dumiɛnsa duruu sɛ ɔhene asɛm ne ne mmara bɛyɛ adwuma,+ da a na Yudafoɔ atamfo ani da so sɛ wɔbɛdi wɔn soɔ no, nneɛma dane maa Yudafoɔ no mmom dii wɔn atamfo so.+
13 Ɛnna Ester kaa sɛ: “Sɛ ɔhene bɛpene so a,+ ma Yudafoɔ a wɔwɔ Susan no kwan na ɔkyena nso wɔnyɛ deɛ mmara maa wɔyɛɛ no nnɛ no,+ na wɔmfa Haman mma du no nso nsensɛne dua so.”+
15 Afei Yudafoɔ a wɔwɔ Susan no boaboaa wɔn ho ano bosome Adar da a ɛtɔ so dunan no,+ na wɔkunkum nnipa ahasa wɔ Susan, nanso wɔamfa wɔn nsa anka agyapadeɛ biara.+