Ester
3 Yeinom akyi no, Ɔhene Ahasweros maa Agagni+ Hamedata ba Haman+ so hyɛɛ no animuonyam,+ na ɔmaa n’adwa bɛyɛɛ kɛseɛ senee mmapɔmma a wɔka ne ho nyinaa deɛ.+ 2 Ná ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene pono ano+ nyinaa bɔ wɔn mu ase koto Haman, ɛfiri sɛ na ɔhene ahyɛ sɛ wɔnyɛ saa. Nanso Mordekai deɛ, na ɔmmɔ ne mu ase na ɔnkoto no nso.+ 3 Na ɔhene nkoa a wɔwɔ pono ano no bisaa Mordekai sɛ: “Adɛn nti na woretiatia ɔhene ahyɛdeɛ soɔ?”+ 4 Ná wɔne no ka ho asɛm daa, nanso wantie wɔn, enti wɔka kyerɛɛ Haman hwɛɛ sɛ Mordekai bɛtumi akɔ so ayɛ deɛ ɔreyɛ no anaa,+ ɛfiri sɛ na wadi kan aka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.+
5 Afei berɛ a Haman hunuu sɛ Mordekai mmɔ ne mu ase na ɔnkoto no no,+ ne bo fuu paa.+ 6 Nanso na ne bo nnwo sɛ ɔde ne nsa bɛka Mordekai nko ara, ɛfiri sɛ na wɔakyerɛ no ɔman a Mordekai firi mu. Enti deɛ na Haman hwehwɛ ara ne sɛ ɔbɛnya kwan akunkum+ Mordekai nuanom+ Yudafoɔ a wɔwɔ Ahasweros ahennie mu no nyinaa.
7 Ɔhene Ahasweros afe a ɛtɔ so dumienu,+ bosome a ɛdi kan,+ Nisan mu no, obi bɔɔ Pur,+ anaa ntonto,+ wɔ Haman anim da biara ne bosome biara kɔsii bosome a ɛtɔ so dumienu, a ɛyɛ bosome Adar+ so. 8 Afei Haman ka kyerɛɛ Ɔhene Ahasweros sɛ: “Nkurɔfoɔ bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete+ w’ahennie mu nyinaa+ na wɔate wɔn ho. Wɔn mmara yɛ soronko koraa wɔ aman foforɔ deɛ ho, na wɔmfa ɔhene mmara nyɛ hwee,+ na ɛnyɛ koraa sɛ ɔhene bɛgyaa wɔn saa. 9 Sɛ ɔhene bɛpene a, anka ma wɔntwerɛ sɛ wɔnkunkum wɔn; mɛtua dwetɛ dwetikɛseɛ mpem du+ agu ɔhene fotoɔ mu na wɔde ama wɔn a wɔreyɛ adwuma+ no.”
10 Ɛnna ɔhene yii ne pɛtea+ firii ne nsa de maa Agagni+ Hamedata ba Haman+ a watu n’ani asi Yudafoɔ no soɔ no.+ 11 Na ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: “Dwetɛ+ no wɔ wo nsam, na nkurɔfoɔ no nso hyɛ wo nsa, yɛ wɔn sɛdeɛ wopɛ biara.”+ 12 Afei bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dumiɛnsa no, wɔfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ+ maa wɔtwerɛɛ+ nsɛm a Haman hyɛeɛ nyinaa kɔmaa ɔhene asoafoɔ ne amradofoɔ a wɔhwɛ amantam+ ahodoɔ soɔ no ne mmapɔmma a wɔwɔ aman a ɛwɔ ahemman no mu nyinaa mu, sɛdeɛ ɔman biara ntwerɛdeɛ+ ne wɔn kasa teɛ. Ɔhene Ahasweros din+ mu na wɔtwerɛeɛ, na wɔde ɔhene pɛtea+ sɔɔ ano.
13 Afei wɔsomaa abɔfoɔ+ maa wɔde krataa kɔɔ ahemman no afã nyinaa sɛ wɔnkunkum Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa, mmeranteɛ ne nkɔkoraa, mmɔfra ne mmaa, wɔntɔre wɔn nyinaa ase da koro,+ bosome a ɛtɔ so dumienu a ɛne Adar+ no da a ɛtɔ so dumiɛnsa no, na wɔmfa wɔn agyapadeɛ nyinaa.+ 14 Wɔmaa krataa no mu nsɛm bɛyɛɛ mmara+ a na wɔde bɛto dwa wɔ aman+ a wɔhyɛ ɔhene no ase nyinaa mu na wɔasiesie wɔn ho ama saa da no. 15 Berɛ a abɔfoɔ no hunuu sɛ ɛyɛ ɔhene asɛm no, wɔde ahoɔherɛ+ kɔeɛ, na wɔhyɛɛ mmara no wɔ Susan+ abankɛseɛ mu nso. Ɔhene ne Haman tenaa ase nom nsã,+ nanso na Susan+ kuro no mu ayɛ gyegyeegye.+