Ester
4 Berɛ a Mordekai+ tee asɛm no nyinaa no,+ ɔsuanee n’atadeɛ mu firaa atweaatam+ de nsõ+ guu ne ho. Afei ɔkɔgyinaa kuro no mfimfini suu dendeenden.+ 2 Na ɔbaeɛ ara bɛduruu ɔhene no pono ano,+ nso na obiara ntumi mfa atweaatam nhyɛn ɔhene pono no mu. 3 Ahemman+ no mu baabiara a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no, Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ no dii awerɛhoɔ,+ na wɔdii mmuada+ suu pii. Wɔn mu pii dedaa nsõ+ mu de atweaatam+ yɛɛ wɔn kɛtɛ. 4 Ester mmaawa no ne mpiafoɔ+ no bɛka kyerɛɛ no. Asɛm no haa ɔhemmaa no paa. Ɛnna ɔsoma maa wɔde ntadeɛ kɔmaa Mordekai sɛ ɔnhyɛ na ɔnyi atweaatam no, nanso wannye.+ 5 Afei Ester frɛɛ ɔhene mpiafoɔ no baako a wayi no sɛ ɔnsom no a ɔde Hatak,+ na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn sɛ ɔnkɔhwɛ deɛ asie ne deɛ yeinom nyinaa kyerɛ.
6 Enti Hatak kɔɔ Mordekai nkyɛn wɔ kuro no abɔnten so ɔhene pono no anim. 7 Afei Mordekai kaa deɛ ato no+ nyinaa ne sika dodoɔ a Haman aka sɛ ɔbɛtua agu ɔhene fotoɔ+ mu sɛ wɔmfa nsɛe Yudafoɔ+ no ho asɛm kyerɛɛ no. 8 Ɔde mmara a wɔhyɛɛ no Susan+ sɛ wɔntɔre wɔn ase a wɔatwerɛ no krataa soɔ no bi+ maa no sɛ ɔmfa nkyerɛ Ester na ɔnka nkyerɛ no+ sɛ ɔnkɔ ɔhene anim nkɔsrɛ+ mma ne manfoɔ.+
9 Afei Hatak+ bɛkaa deɛ Mordekai kaeɛ nyinaa kyerɛɛ Ester. 10 Ɛnna Ester somaa Hatak kɔɔ Mordekai+ nkyɛn sɛ: 11 “Ɔhene nkoa ne nnipa a wɔwɔ ahemman yi mu nyinaa nim sɛ sɛ ɔhene mfrɛɛ wo na wokɔ n’anim wɔ ahemfie+ hɔ a, ɔbarima oo, ɔbaa oo, mmara+ no ara ne sɛ wɔnku wo; gye sɛ ɔhene de ne sika poma kyerɛ wo so ansa na woanya wo tiri adidi mu.+ Nanso adaduasa nie, ɔhene mfrɛɛ me sɛ memmra ne nkyɛn.”
12 Wɔkɔkaa Ester nsɛm no kyerɛɛ Mordekai. 13 Ɛnna Mordekai nso de mmuaeɛ kɔmaa Ester sɛ: “Mma w’adwene nnyɛ wo sɛ deɛ ɛbɛba Yudafoɔ soɔ no ntumi nka mo a mowɔ ahemfie hɔ no.+ 14 Sɛ woanka ho hwee koraa saa berɛ yi a, Yudafoɔ bɛnya ɔgyeɛ ne mmoa afiri baabi foforɔ,+ nanso wo ne wo papa fie ase bɛtɔre. Na hwan na ɔnim sɛ ebia berɛ a ɛte sei nti na woabɛyɛ dehyeɛ yi?”+
15 Afei Ester soma kɔka kyerɛɛ Mordekai sɛ: 16 “Kɔboaboa Yudafoɔ a wɔwɔ Susan+ nyinaa ano na monni mmuada+ mma me, monnnidi na monnnom nnansa,+ awia ne anadwo. Me nso me ne me mmaawa+ bɛdi mmuada saa ara na ɛno akyi no mɛkɔ ɔhene anim. Mmara mma kwan nanso mɛkɔ; mewu a,+ na mawu.” 17 Afei Mordekai kɔyɛɛ deɛ Ester kaa sɛ ɔnyɛ nyinaa.