Ester
4 Berɛ a Mordekai+ tee deɛ asie nyinaa no,+ ɔsuan n’ataadeɛ mu, na ɔfiraa awerɛhoɔ ntoma* de nsõ guu ne ho. Afei ɔpue kɔgyinaa kuro no mfimfini, na ɔsuu paa; ɔsuu yayaaya. 2 Ɔkɔ kɔduruu ɔhene no pono ano, nanso wantra, ɛfiri sɛ na ɛnsɛ sɛ obiara de awerɛhoɔ ntoma wura ɔhene pono no mu. 3 Na ɔmantam biara+ a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no wɔ hɔ no, Yudafoɔ a ɛwɔ hɔ no dii awerɛhoɔ paa, wɔyɛɛ akɔnkyene,*+ na wɔsu teateaam. Wɔn mu pii dedaa awerɛhoɔ ntoma* so ne nsõ mu.+ 4 Berɛ a Ester mmaawa ne n’asomfoɔ* no bɛka kyerɛɛ no no, asɛm no haa ɔhemmaa paa. Ɛnna ɔsoma maa wɔde ntaadeɛ kɔmaa Mordekai sɛ ɔnhyɛ na ɔnyi awerɛhoɔ ntoma* no, nanso wannye. 5 Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene asomfoɔ* no baako a ɔhene ayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔbisa Mordekai deɛ enti a ɔreyɛ saa ne deɛ asie.
6 Enti Hatak kɔɔ Mordekai nkyɛn wɔ kuro no abɔnten so wɔ ɔhene pono no anim. 7 Na Mordekai kaa deɛ ato no nyinaa kyerɛɛ no, na sika dodoɔ+ a Haman ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛtua agu ɔhene fotoɔ mu sɛ wɔmfa nsɛe Yudafoɔ no nso, ɔka kyerɛɛ no.+ 8 Afei nso, mmara a wɔtwerɛɛ no wɔ krataa so a wɔhyɛɛ wɔ Susan*+ sɛ wɔnhye wɔn ase no, ɔde bi maa no. Ɔkaa sɛ ɔmfa nkyerɛ Ester, na ɔnkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ no, na ɔnka nkyerɛ no sɛ+ ɔnkɔ ɔhene anim nkɔsrɛ no sɛ ɔnhu wɔn mmɔbɔ, na ɔmpa kyɛw mma ne manfoɔ.
9 Afei Hatak san bae, na ɔbɛkaa deɛ Mordekai kaeɛ no kyerɛɛ Ester. 10 Ɛnna Ester somaa Hatak sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Mordekai+ sɛ: 11 “Ɔhene nkoa ne nnipa a ɛwɔ ɔhene no amantam mu nim sɛ, sɛ ɔhene mfrɛɛ wo na wokɔ n’anim wɔ ahemfie hɔ+ a, ɔbarima oo, ɔbaa oo, mmara baako pɛ na ɛwɔ hɔ: Wɔbɛku wo; sɛ wobɛnya wo tiri adidi mu a, gye sɛ ɔhene de ne sika kɔkɔɔ poma kyerɛ wo so ansa.+ Nanso nnafua 30 nie, ɔhene mfrɛɛ me sɛ memmra ne nkyɛn.”
12 Berɛ a wɔkɔkaa Ester asɛm no kyerɛɛ Mordekai no, 13 ɔde mmuaeɛ kɔmaa Ester sɛ: “Mma w’adwene nnyɛ wo sɛ wote ahemfie nti deɛ ɛbɛba Yudafoɔ a aka nyinaa so no, ebi rentumi nka wo. 14 Sɛ woanka ho hwee saa berɛ yi a, Yudafoɔ bɛnya ɔgyeɛ ne mmoa afiri baabi foforɔ,+ na wo ne wo papa fiefoɔ deɛ, mobɛwuwu. Na hwan na ɔnim, ebia wei* nti na woabɛyɛ dehyeɛ yi.”+
15 Ɛnna Ester soma kɔka kyerɛɛ Mordekai sɛ: 16 “Kɔ na kɔboaboa Yudafoɔ a wɔwɔ Susan* nyinaa ano, na monyɛ akɔnkyene+ mma me. Monnnidi na monnnom nnansa,+ awia ne anadwo. Me nso me ne me mmaawa bɛyɛ akɔnkyene. Mmara mma kwan sɛ mekɔ ɔhene anim, nanso mɛkɔ; mewu a, na mawu.” 17 Enti Mordekai siim kɔe, na ɔkɔyɛɛ deɛ Ester kaa sɛ ɔnyɛ nyinaa.