Ester
5 Ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no,+ Ester hyɛɛ n’ahemmaa ataadeɛ na ɔkɔgyinaa ahemfie no adihɔ, baabi a ɛne ɔhene fie no di nhwɛanimu no. Saa berɛ no, na ɔhene no te n’ahennwa so wɔ ɔhene fie hɔ, na na n’ani kyerɛ ɛpono no ano. 2 Berɛ a ɔhene no huu Ɔhemmaa Ester sɛ ɔgyina adihɔ hɔ ara pɛ, ɔnyaa ɔhene anim animuonyam, enti ɔhene no de sika kɔkɔɔ poma a ɔkura no kyerɛɛ Ester so.+ Ɛnna Ester twe bɛn no, na ɔde ne nsa kaa poma no ti.
3 Na ɔhene no bisaa no sɛ: “Ɛyɛ asɛm bɛn, Ɔhemmaa Ester? Deɛn na menyɛ mma wo? Sɛ m’ahennie no fã mpo na wopɛ a, mede bɛma wo!” 4 Ɛnna Ester kaa sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yie ama ɔhene a, anka ɔhene ne Haman+ mmra ɛpono a mereto ama wo nnɛ no ase.” 5 Enti ɔhene ka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Monka nkyerɛ Haman sɛ ɔmmra seesei ara sɛdeɛ Ester aka no.” Na ɔhene ne Haman kɔɔ ɛpono a Ester ato no ase.
6 Berɛ a wɔwɔ nsã apontoɔ no ase no, ɔhene no bisaa Ester sɛ: “Deɛn na wopɛ? Mɛyɛ ama wo! Deɛn na menyɛ mma wo? Sɛ m’ahennie fã mpo na wopɛ a, mede bɛma wo!”+ 7 Ɛnna Ester kaa sɛ: “M’adesrɛ ne m’abisadeɛ ne sɛ, 8 Sɛ manya ɔhene anim animuonyam, na sɛ ɛbɛyɛ yie ama ɔhene sɛ ɔbɛyɛ m’adesrɛ ne m’abisadeɛ ama me a, anka ɔhene ne Haman mmra ɛpono a mɛto ama wɔn ɔkyena no ase, na ɔkyena mede m’abisadeɛ no bɛto ɔhene anim.”
9 Saa da no, Haman de anigyeɛ na ɛpueeɛ, na na n’akoma atɔ ne yam. Nanso berɛ a Haman huu Mordekai wɔ ɔhene pono ano hɔ, a ɔhuu sɛ Mordekai ansɔre na ne ho ampopo wɔ n’anim no, Haman bo fuu Mordekai.+ 10 Nanso Haman hyɛɛ ne ho so, na ɔkɔɔ ne fie. Afei ɔsoma kɔfrɛɛ ne nnamfo ne ne yere Seres+ bae. 11 Na Haman dwaa n’anom kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa n’animuonyam ne n’ahodeɛ ne ne mma dodoɔ+ ne sɛdeɛ ɔhene abɔ n’aba so, ne sɛdeɛ ɔhene ama no so asene aberempɔn ne ɔhene nkoa a aka no+ kyerɛɛ wɔn.
12 Haman toaa so kaa sɛ: “Ɛnyɛ ɛno nko ara oo; Ɔhemmaa Ester too pono, na me nko ara na ɔfrɛɛ me kaa ɔhene ho kɔɔ aseɛ.+ Ɔkyena koraa, wasan afrɛ me sɛ memmɛka ɔne ɔhene ho.+ 13 Nanso weinom nyinaa mma m’akoma ntɔ me yam berɛ a m’ani da so tua Yudani Mordekai sɛ ɔte ɔhene pono ano no.” 14 Ɛnna ne yere Seres ne ne nnamfo no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma wɔmpɛ dua a ne tenten yɛ basafa 50* nsi hɔ. Na anɔpa ka kyerɛ ɔhene ma wɔnsɛn Mordekai wɔ so.+ Afei wo ne ɔhene nkɔ, na monkɔgye mo ani wɔ apontoɔ no ase.” Asɛm no yɛɛ Haman dɛ, enti ɔmaa wɔde dua no sii hɔ.