Ester
5 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no,+ Ester hyɛɛ n’ahemmaa atadeɛ+ na ɔkɔgyinaa ahemfie no adihɔ,+ baabi a ɛne ahemfie no di nhwɛanimu. Saa berɛ no na ɔhene no te n’adwa so a n’anim hwɛ fie no pono ano. 2 Afei berɛ a ɔhene no hunuu ɔhemmaa Ester sɛ ɔgyina adihɔ hɔ ara pɛ, ɔnyaa n’anim adom,+ enti ɔhene no tenee sika poma+ a ɔkura no wɔ Ester so. Ester twe bɛneeɛ, na ɔde ne nsa kaa poma no ti.
3 Ɛnna ɔhene no bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn asɛm, Ɔhemmaa Ester? Ɛdeɛn na wohia?+ Sɛ m’ahennie no fã mpo a,+ mede bɛma wo!” 4 Ɛnna Ester kaa sɛ: “Sɛ ɔhene bɛpene so a, anka ɔhene ne Haman+ mmra pono+ a mereto ama no nnɛ no ase.” 5 Na ɔhene kaa sɛ: “Monhwɛ mma Haman mmra ntɛm+ sɛdeɛ Ester aka no.” Ɛnna ɔhene no ne Haman baa pono a Ester toeɛ no ase.
6 Berɛ a wɔwɔ nsã apontoɔ no aseɛ no, ɔhene no bisaa Ester sɛ: “W’abisadeɛ ne sɛn+ na wɔnyɛ mma wo? Ɛdeɛn na wohia? Sɛ m’ahennie no fã mpo a, mede bɛma wo!” 7 Ɛnna Ester buaa sɛ: “Deɛ mesrɛ na mehia ne sɛ, 8 Sɛ manya ɔhene anim+ adom na ɔhene bɛpene so ayɛ deɛ mesrɛ na mehia ama me a, anka ɔhene ne Haman mmra pono a mɛto ama wɔn ɔkyena no ase, na ɔkyena mɛyɛ deɛ ɔhene aka no.”+
9 Saa da no berɛ a Haman firii adie no, na n’ani agye+ na n’akoma atɔ ne yam. Nanso berɛ a ɔhunuu Mordekai wɔ ɔhene pono ano+ hɔ a wansɔre+ na ne ho ampopo mpo no,+ ɛhɔ ara na Haman bo fuiɛ.+ 10 Nanso Haman hyɛɛ ne ho so na ɔkɔɔ ne fie. Afei ɔsoma kɔfrɛɛ ne nnamfonom ne ne yere Seres+ baeɛ; 11 na Haman kaa n’animuonyam ne n’ahodeɛ+ ne ne mma+ dodoɔ ne biribiara a ɔhene de ahyɛ no animuonyam ho asɛm kyerɛɛ wɔn, sɛdeɛ ɔhene ama no so asene mmapɔmma ne ɔhene nkoa a wɔwɔ hɔ nyinaa no.+
12 Afei Haman toaa so kaa sɛ: “Deɛ ɛsene saa mpo no, Ɔhemmaa Ester too pono maa ɔhene, na wamfrɛ obiara amma hɔ gye me nko ara,+ na wasan ato nsa afrɛ me ne ɔhene sɛ yɛmmra ɔkyena+ nso. 13 Nanso yeinom nyinaa mma me bo nnwo, berɛ dodoɔ a mehunu Yudani Mordekai sɛ ɔte ɔhene pono ano no.” 14 Ɛnna ne yere Seres ne ne nnamfo nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma wɔnyɛ dua+ a ne tenten yɛ basafa aduonum, na anɔpa+ ka kyerɛ ɔhene sɛ wɔnsɛne Mordekai wɔ so.+ Afei wo ne ɔhene nkɔ apontoɔ no ase anigyeɛ mu.” Asɛm no yɛɛ Haman dɛ+ na ɔmaa wɔyɛɛ dua no.+