13 Haman kaa deɛ ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres+ ne ne nnamfo nyinaa. Afei n’anyansafoɔ+ ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ Mordekai a woafiri aseɛ redi nkoguo wɔ n’anim yi yɛ Yudafoɔ aseni a, ɛnneɛ wontumi nni ne so kwan biara so, mmom woyɛ deɛn ara a wobɛhwe ase n’anim.”+