12 Afei ɔhene ka kyerɛɛ Ɔhemmaa+ Ester sɛ: “Yudafoɔ akunkum nnipa ahanum wɔ Susan abankɛseɛ+ mu, na wɔakum Haman mma du no nso. Na ɛdeɛn na wɔayɛ+ no ɔhene nsase+ a aka no nso soɔ? W’abisadeɛ ne sɛn, na menyɛ mma wo?+ Ɛdeɛn bio na wohia,+ na menyɛ mma wo?”