Ester
7 Afei ɔhene ne Haman+ hyiaa Ester wɔ apontoɔ no ase. 2 Ɛnna ɔhene san bisaa Ester da a ɛtɔ so mmienu wɔ nsã apontoɔ+ no ase sɛ: “Ɛdeɛn ne w’abisadeɛ,+ Ɔhemmaa Ester? Ma wɔnyɛ mma wo.+ Ɛdeɛn na wohia? Sɛ m’ahennie no fã mpo a,+ mede bɛma wo!” 3 Ɛnna Ester buaa sɛ: “Ɔhene, sɛ manya w’anim adom na wobɛpene so a, anka m’abisadeɛ ne sɛ ma mennya me kra,+ na mesrɛ ma me manfoɔ+ nso. 4 Asɛm no ne sɛ wɔatɔn+ me ne me manfoɔ sɛ wɔnku yɛn,+ ntɔre yɛn ase na wɔnsɛe yɛn. Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa+ anaa mfenaa mpo a, anka mɛyɛ komm. Nanso ɛmfata sɛ biribi bɛsie ama ɔhene mmom ahwere ade kɛseɛ.”
5 Afei Ɔhene Ahasweros bisaa Ɔhemmaa Ester sɛ: “Hwan+ koraa na wasi ne bo+ sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛte saa? Ɔwɔ he?” 6 Ester buaa sɛ: “Ɔtamfo+ no ne onipa bɔnefoɔ Haman yi.”
Ɛnna Haman yam hyee no+ ɔhene ne ɔhemmaa no anim. 7 Afei ɔhene no de abufuo+ sɔre firii nsã apontoɔ no ase kɔɔ ahemfie hɔ turo no mu; ɛnna Haman sɔre srɛɛ Ɔhemmaa+ Ester maa ne kra, ɛfiri sɛ ɔhunuu sɛ ɔhene+ anya ne ho adwemmɔne.+ 8 Berɛ a ɔhene no firi ahemfie turom hɔ baa baabi a nsã apontoɔ no wɔ no,+ ɔhunuu sɛ Haman butu Ester ho wɔ mpa+ no so. Ɛnna ɔhene no kaa sɛ: “Afei deɛ, wopɛ sɛ woto ɔhemmaa no mmonnaa nso, m’ani so wɔ fie ha?” Asɛm no firii n’anom+ ara pɛ na wɔkataa Haman anim. 9 Afei Harbona+ a ɔyɛ ɔhene mpanimfoɔ+ no baako kaa sɛ: “Haman ayɛ dua+ bi a ne tenten yɛ basafa aduonum wɔ ne fie sɛ wɔnsɛne Mordekai a ɔkaa ɔhene ho asɛmpa no wɔ so.”+ Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: “Monkɔsɛn no wɔ so.”+ 10 Enti wɔkɔsɛnee Haman wɔ dua+ a ɔyɛ maa Mordekai+ no so na ɔhene no bo dwoeɛ.