Ester
3 Wei akyi no, Ɔhene Ahasweros maa Agagni+ Hamedata ba Haman diberɛ kɛseɛ,+ na ɔhyɛɛ no animuonyam. Deɛ ɔyɛeɛ ne sɛ, ɔmaa n’adwa bɛyɛɛ kɛse senee aberempɔn a wɔka ne ho nyinaa.+ 2 Ná ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene pono ano nyinaa bɔ wɔn mu ase koto Haman, ɛfiri sɛ na ɔhene ahyɛ mmara sɛ wɔnyɛ no saa. Nanso Mordekai deɛ, na ɔmmɔ ne mu ase mma no, na na ɔnkoto no. 3 Enti ɔhene nkoa a wɔwɔ pono ano no bisaa Mordekai sɛ: “Adɛn nti na wonni ɔhene mmara so?” 4 Da biara, na wɔne no ka ho asɛm, nanso wantie wɔn. Enti wɔne Haman kaa ho asɛm hwɛɛ sɛ, deɛ Mordekai reyɛ no, ɛsɛ sɛ wɔsosɔ so anaa,+ ɛfiri sɛ na waka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.+
5 Na berɛ a Haman huu sɛ Mordekai mpɛ sɛ ɔbɔ ne mu ase ma no na ɔkoto no no, Haman bo fuu paa.+ 6 Nanso ɛnyɛ Mordekai nko ara na na ɔpɛ sɛ ɔku no,* ɛfiri sɛ na wɔakyerɛ no ɔman a Mordekai firi mu. Enti Haman firii aseɛ hwehwɛɛ ɛkwan a ɔbɛfa so akunkum Yudafoɔ no nyinaa, Mordekai nkurɔfoɔ a ɛwɔ Ahasweros ahennie mu baabiara no nyinaa.
7 Ɔhene Ahasweros ahennie afe a ɛtɔ so 12,+ bosome a ɛdi kan a ɛne Nisan* mu no, wɔbɔɔ Pur+ (kyerɛ sɛ, Ntonto) wɔ Haman anim de hwɛɛ ɛda ne bosome a wɔde bɛyɛ, na ɛsii bosome a ɛtɔ so 12, kyerɛ sɛ, Adar.*+ 8 Afei Haman ka kyerɛɛ Ɔhene Ahasweros sɛ: “Nkurɔfoɔ bi wɔ hɔ a wɔabɔ ahwete amantam a ɛhyɛ w’ase no nyinaa mu.+ Wɔn mmara yɛ soronko koraa, ɛnte sɛ aman a aka no deɛ, na wɔmfa ɔhene mmara nyɛ hwee. Sɛ ɔhene gyaa wɔn saa a, ɛremmoa no. 9 Sɛ ɛbɛyɛ yie ama ɔhene a, anka ma wɔnhyɛ mmara* sɛ wɔnkunkum wɔn. Mɛtua dwetɛ dwetikɛseɛ* 10,000 ama mpanimfoɔ no ama wɔde agu ɔhene fotoɔ mu.”*
10 Ɛnna ɔhene yii n’ahyɛnsodeɛ kawa firii ne nsa,+ na ɔde maa Agagni+ Hamedata ba Haman,+ Yudafoɔ tamfo no. 11 Na ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: “Wɔde dwetɛ ne nkurɔfoɔ no ahyɛ wo nsa; yɛ wɔn sɛdeɛ wopɛ biara.” 12 Afei bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 13 no, wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ.+ Wɔtwerɛɛ+ deɛ Haman kaeɛ no nyinaa kɔmaa ɔhene asoafoɔ ne amradofoɔ a wɔhwɛ amantam ahodoɔ no so, ne aberempɔn a wɔwɔ aman no mu no. Wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ ɔman biara ntwerɛeɛ ne wɔn kasa teɛ. Wɔtwerɛɛ wɔ Ɔhene Ahasweros din mu, na wɔde ɔhene ahyɛnsodeɛ kawa tim so.+
13 Wɔsomaa nkurɔfoɔ maa wɔde nkrataa no kɔɔ ɔhene no amantam no nyinaa mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhye Yudafoɔ no nyinaa ase, wɔnkunkum wɔn, na wɔnsɛe wɔn; mmeranteɛ ne nkɔkoraa, mmɔfra ne mmaa nyinaa, wɔnkunkum wɔn da koro, bosome a ɛtɔ so 12 a ɛne Adar no da a ɛtɔ so 13 no,+ na wɔmfa wɔn agyapadeɛ nyinaa.+ 14 Ná krataa no mu nsɛm bɛyɛ mmara wɔ ɔmantam biara mu, na na wɔbɛbɔ no dawuro wɔ aman no nyinaa mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsiesie wɔn ho ama saa da no. 15 Abɔfoɔ no de ahoɔherɛ kɔe+ sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, na wɔhyɛɛ mmara no wɔ Susan*+ abankɛseɛ mu.* Na ɔhene ne Haman tenaa ase nom nsã, nanso na Susan* kuro no mu ayɛ bagyabagya.