Ester 5:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Saa da no berɛ a Haman firii adie no, na n’ani agye+ na n’akoma atɔ ne yam. Nanso berɛ a ɔhunuu Mordekai wɔ ɔhene pono ano+ hɔ a wansɔre+ na ne ho ampopo mpo no,+ ɛhɔ ara na Haman bo fuiɛ.+ Mmebusɛm 12:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Ɔkwasea na ɔda n’abufuo adi da no ara,+ na onitefoɔ kata animguaseɛ so.+ Mmebusɛm 27:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɛboɔ mu duro ne anwea adeɛ mã+—ɔkwasea agyegyesɛm mu yɛ duru sene ne mmienu nyinaa.+
9 Saa da no berɛ a Haman firii adie no, na n’ani agye+ na n’akoma atɔ ne yam. Nanso berɛ a ɔhunuu Mordekai wɔ ɔhene pono ano+ hɔ a wansɔre+ na ne ho ampopo mpo no,+ ɛhɔ ara na Haman bo fuiɛ.+