-
Ester 3:12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Afei bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 13 no, wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ.+ Wɔtwerɛɛ+ deɛ Haman kaeɛ no nyinaa kɔmaa ɔhene asoafoɔ ne amradofoɔ a wɔhwɛ amantam ahodoɔ no so, ne aberempɔn a wɔwɔ aman no mu no. Wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ ɔman biara ntwerɛeɛ ne wɔn kasa teɛ. Wɔtwerɛɛ wɔ Ɔhene Ahasweros din mu, na wɔde ɔhene ahyɛnsodeɛ kawa tim so.+
-