Numeri 24:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Nsuo bu fa n’asuhina mmienu ho,Na n’aba wɔ nsuo pii ho.+Ne hene+ bɛkorɔn asene Agag,+Na wɔbɛma n’ahennie so.+ Deuteronomium 25:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Enti sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na Yehowa wo Nyankopɔn ma wode wo ho firi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia no nsam a,+ pepa Amalek ho nkaeɛ biara firi ɔsoro ase.+ Mma wo werɛ mmfiri. 1 Samuel 15:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Ɔkyeree Amalek hene Agag+ animono, na ɔman no nkaeɛ deɛ, ɔde nkrantɛ kunkum wɔn nyinaa.+ Ester 9:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 ɛfiri sɛ na Agagni+ Hamedata+ ba Haman+ a ɔmpɛ Yudafoɔ asɛm+ no abɔ pɔ sɛ ɔbɛsɛe wɔn,+ na ɔbɔɔ Pur,+ anaa ntonto,+ sɛ wɔbɛtan wɔn ani asɛe wɔn.
7 Nsuo bu fa n’asuhina mmienu ho,Na n’aba wɔ nsuo pii ho.+Ne hene+ bɛkorɔn asene Agag,+Na wɔbɛma n’ahennie so.+
19 Enti sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na Yehowa wo Nyankopɔn ma wode wo ho firi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia no nsam a,+ pepa Amalek ho nkaeɛ biara firi ɔsoro ase.+ Mma wo werɛ mmfiri.
24 ɛfiri sɛ na Agagni+ Hamedata+ ba Haman+ a ɔmpɛ Yudafoɔ asɛm+ no abɔ pɔ sɛ ɔbɛsɛe wɔn,+ na ɔbɔɔ Pur,+ anaa ntonto,+ sɛ wɔbɛtan wɔn ani asɛe wɔn.