1 Samuel
15 Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Me na Yehowa somaa me maa mebɛsraa+ woɔ de wo sii ne man Israel so hene, enti tie Yehowa anom asɛm.+ 2 Deɛ asafo Yehowa+ aka nie, ‘Deɛ Amalek de yɛɛ Israel berɛ a wɔfiri Egypt reba, sɛ́ wɔsɔre tiaa no kwan mu+ no, mɛma wɔatua wɔn so ka.+ 3 Enti kɔ na kɔkunkum Amalekfoɔ+ na sɛe+ wɔne deɛ wɔwɔ nyinaa pasaa, nhu wɔn mmɔbɔ, kunkum wɔn nyinaa,+ ɔbarima ne ɔbaa, abɔfra ne deɛ ɔtua nufoɔ ano,+ nantwie ne odwan, yoma ne afunumu.’”+ 4 Ɛnna Saul frɛfrɛɛ ɔman no, na ɔkan wɔn wɔ Telaim,+ mmarima mpem ahanu a wɔnam fam ne Yuda mmarima mpem du.+
5 Na Saul kɔeɛ ara kɔduruu Amalek kuro mu, na wɔkɔtetɛɛ subɔn no ho. 6 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Kenifoɔ+ sɛ: “Monkɔ,+ momfiri ha mfiri Amalekfoɔ mu nkɔ, na mampra mo amfra wɔn. Mo deɛ, moyɛɛ Israelfoɔ nyinaa adɔeɛ+ berɛ a wɔfiri Egypt reba no.”+ Enti Kenifoɔ no firii Amalekfoɔ mu kɔeɛ. 7 Ɛno akyi no, Saul kɔkunkum Amalekfoɔ+ firi Hawila+ kɔsii Sur+ a ɛwɔ Egypt anim no. 8 Ɔkyeree Amalek hene Agag+ animono, na ɔman no nkaeɛ deɛ, ɔde nkrantɛ kunkum wɔn nyinaa.+ 9 Na Agag ne nnwan ne anantwie ne mmoa a wɔadɔ sradeɛ ne adwennini no mu deɛ ɛyɛ ne nneɛma pa nyinaa, Saul ne ɔman no huu wɔn mmɔbɔ,+ na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn.+ Adeɛ biara a ɛyɛ tan na ɛnyɛ mma hwee deɛ, wɔsɛee ne nyinaa pasaa.
10 Ɛnna Yehowa asɛm baa Samuel nkyɛn sɛ: 11 “Manu me ho+ sɛ mama Saul ayɛ ɔhene, ɛfiri sɛ wadane+ afiri m’akyi, na m’asɛm nso, wanni so.”+ Asɛm no haa Samuel,+ na ɔsu frɛɛ Yehowa anadwo no nyinaa.+ 12 Na Samuel sɔree ntɛm sɛ ɔrekɔhyia Saul anɔpa. Nanso wɔbɔɔ Samuel amanneɛ sɛ: “Saul baa Karmel,+ na hwɛ! wasi nkaeɛdum+ ama ne ho, na wadane ne ho atwam asiane kɔ Gilgal.” 13 Na Samuel kɔduruu Saul nkyɛn, na Saul ka kyerɛɛ no sɛ: “O Yehowa nipa, nhyira+ nka wo. Mayɛ deɛ Yehowa kaeɛ no.”+ 14 Ɛnna Samuel bisaa sɛ: “Na ɛdeɛn ne nnwan sũ a ɛgu m’asom ne anantwie sũ a meteɛ yi?”+ 15 Na Saul buaa sɛ: “Wɔde firi Amalekfoɔ mu na ɛbaeɛ, ɛfiri sɛ ɔman+ no huu nnwan ne anantwie no mu deɛ ɛyɛ no mmɔbɔ sɛ wɔde bɛbɔ afɔdeɛ ama Yehowa wo Nyankopɔn,+ na deɛ ɛkaeɛ no deɛ, yɛasɛe ne nyinaa pasaa.” 16 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Gyae! Ma menka deɛ Yehowa ka kyerɛɛ me nnora anadwo nkyerɛ wo.”+ Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kasa!”
17 Ɛnna Samuel kaa sɛ: “Ɛnyɛ berɛ a na woyɛ ketewa w’ani soɔ+ no na wɔyɛɛ wo Israel mmusuakuo so panin, na Yehowa sraa woɔ+ de wo sii Israel so hene? 18 Akyire yi, Yehowa somaa wo sɛ kɔyɛ adwuma bi, na ɔkaa sɛ, ‘Kɔ na kɔsɛe Amalekfoɔ nnebɔneyɛfoɔ+ no pasaa; wo ne wɔn nko nkɔsi sɛ wobɛtɔre wɔn ase pasaa.’+ 19 Ɛnneɛ adɛn nti na woantie Yehowa nne, na woatu agu asadeɛ so+ ayɛ deɛ ɛyɛ Yehowa ani so bɔne yi?”+
20 Nanso Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Na sɛ́ matie+ Yehowa nne, na adwuma a Yehowa somaa me sɛ menkɔyɛ no, makɔyɛ, na mede Amalek hene Agag+ aba, na Amalek deɛ, masɛe no+ pasaa. 21 Na asadeɛ a wɔaka sɛ wɔnsɛe no no mu nnwan ne anantwie a ɛyɛ paa no, ɔman+ no afa sɛ wɔde rebɛbɔ afɔdeɛ+ ama Yehowa wo Nyankopɔn wɔ Gilgal.”+
22 Ɛnna Samuel kaa sɛ: “Yehowa pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne ayɛyɛdeɛ sene ɔsetie a wɔbɛyɛ ama Yehowa anaa? Hwɛ! Ɔsetie+ yɛ sene afɔdeɛ,+ na asoyɛ kyɛn adwennini sradeɛ,+ 23 na atuateɛ+ ne abosonkɔm+ nyinaa yɛ bɔne korɔ, na aniammɔnho ne asumansɛm ne terafim+ ahonisom nyinaa yɛ adekorɔ. Ɛsiane sɛ woapo Yehowa asɛm+ nti, ɔno nso apo wo sɛ nni hene.”+
24 Na Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Mayɛ bɔne,+ na mabu Yehowa ahyɛdeɛ ne w’asɛm so, ɛfiri sɛ mesuroo ɔman+ no, na metiee wɔn nne. 25 Enti mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me,+ na wo ne me nkɔ na menkɔkoto+ Yehowa.” 26 Nanso Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Me ne wo renkɔ, ɛfiri sɛ woapo Yehowa asɛm, na Yehowa nso apo wo sɛ nni Israel so hene.”+ 27 Berɛ a Samuel danee ne ho sɛ ɔrekɔ ara pɛ na ɔsɔɔ n’atadeɛ ngugusoɔ ano, na ɛsuanee.+ 28 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa asuane+ Israel ahennie no afiri wo nsam nnɛ, na wo yɔnko a ɔyɛ sene woɔ na ɔde bɛma no.+ 29 Na Israel Nimuonyamfoɔ+ no nso, ɔrenni atorɔ,+ na ɔrennu ne ho, ɛfiri sɛ ɔnyɛ ɔdasani na wanu ne ho.”+
30 Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Mayɛ bɔne. Na afei mesrɛ wo, hyɛ me animuonyam+ me man mpanimfoɔ ne Israel anim, na wo ne me nkɔ na menkɔkoto Yehowa wo Nyankopɔn.”+ 31 Enti Samuel dii Saul akyi ne no kɔeɛ, na Saul kɔkotoo Yehowa. 32 Ɛno akyi no, Samuel kaa sɛ: “Momfa Amalek hene Agag mmrɛ me ha.” Na Agag de ehu kɔɔ n’anim, na Agag kaa no ne tirim sɛ: “Ampa, saa berɛ yi deɛ, owuo yea atwam kɔ.” 33 Nanso Samuel kaa sɛ: “Sɛdeɛ wo nkrantɛ+ maa mmaa hweree wɔn mma no, saa ara na wo maame+ nso bɛdi mmasugya asene mmaa nyinaa.”+ Samuel kaa saa no, ɔtwitwaa Agag asinasini Yehowa anim wɔ Gilgal.+
34 Na Samuel siim kɔɔ Rama, na Saul nso kɔɔ ne fie wɔ Saul kuro Gibea+ mu. 35 Na Samuel anhu Saul bio kɔsii ne wuda, ɛfiri sɛ Samuel kɔdii Saul ho awerɛhoɔ.+ Yehowa nso nuu ne ho sɛ ɔde Saul sii Israel so hene.+