15 Na kae sɛ na woyɛ akoa Egypt asase so+ na Yehowa wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu yii wo firii hɔ.+ Ɛno nti na Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ di homeda no.+
3 Di no nnanson, na mfa biribiara a emu aka nka ho.+ Fa paanoo a mmɔreka nnim, anaa ahoyera paanoo, ka ho di, ɛfiri sɛ wode ahoperɛ na ɛfirii Egypt asase so baeɛ.+ Na wo nkwa nna nyinaa wobɛkae da a wofirii Egypt no.+