Genesis 9:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Obiara a ɔka onipa mogya guo no, onipa so na wɔnam bɛka ne mogya aguo,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so. Leviticus 24:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 “‘Sɛ obi bɔ ɔkra bi ma no wu a, ɛsɛ sɛ wɔku ɔno nso.+ Deuteronomium 19:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Nhu obiara mmɔbɔ:+ ɔkra nsi ɔkra ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.+ Atemmufoɔ 1:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɛnna Adoni-Besek kaa sɛ: “Metwitwaa ahemfo aduɔson nsa kokuromoti ne wɔn nan kokuromoti, na wɔtasetasee me pono ase aduane. Deɛ meyɛɛ wɔn no, Onyankopɔn ayɛ me bi atua ka.”+ Ɛno akyi no, wɔde no baa Yerusalem,+ na ɔwuu hɔ. Mateo 7:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 atɛn a mobuo no, ɛno ara na wɔbɛbu mo;+ susukoraa a mode susu ma nkurɔfoɔ no, wɔde bɛsusu ama mo.+
6 Obiara a ɔka onipa mogya guo no, onipa so na wɔnam bɛka ne mogya aguo,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so.
21 Nhu obiara mmɔbɔ:+ ɔkra nsi ɔkra ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.+
7 Ɛnna Adoni-Besek kaa sɛ: “Metwitwaa ahemfo aduɔson nsa kokuromoti ne wɔn nan kokuromoti, na wɔtasetasee me pono ase aduane. Deɛ meyɛɛ wɔn no, Onyankopɔn ayɛ me bi atua ka.”+ Ɛno akyi no, wɔde no baa Yerusalem,+ na ɔwuu hɔ.