Atemmufoɔ
1 Yosua wuo+ akyi no, Israelfoɔ bisaa+ Yehowa sɛ: “Yɛn mu hwan na ɔbɛdi kan ne Kanaanfoɔ akɔko?” 2 Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Yuda na ɔbɛkorɔ.+ Hwɛ, ɛkwan biara so, mede asase no bɛhyɛ ne nsa.” 3 Na Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simeon sɛ: “Wo ne me nkɔ asase a me nsa kaeɛ no so+ na yɛne Kanaanfoɔ nkɔko, na me nso me ne wo bɛkɔ w’asase so.”+ Enti Simeon ne no kɔeɛ.+
4 Afei Yudafoɔ no kɔeɛ, na Yehowa de Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ hyɛɛ wɔn nsa,+ na wɔdii asraafoɔ mpem du so nkonim wɔ Besek. 5 Na berɛ a wɔhunuu Adoni-Besek wɔ Besek no, wɔne no koeɛ, na wɔdii Kanaanfoɔ+ ne Perisifoɔ+ so nkonim. 6 Afei Adoni-Besek dwaneeɛ, na wɔtĩĩ no kɔkyee no twitwaa ne nsa kokuromoti ne ne nan kokuromoti. 7 Ɛnna Adoni-Besek kaa sɛ: “Metwitwaa ahemfo aduɔson nsa kokuromoti ne wɔn nan kokuromoti, na wɔtasetasee me pono ase aduane. Deɛ meyɛɛ wɔn no, Onyankopɔn ayɛ me bi atua ka.”+ Ɛno akyi no, wɔde no baa Yerusalem,+ na ɔwuu hɔ.
8 Afei Yudafoɔ ne Yerusalem+ kɔkoeɛ, na kuro no bɛdii wɔn nsam. Na wɔde nkrantɛ kunkum ɛhɔfoɔ de gya hyee kuro no. 9 Ɛno akyi no, Yudafoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ soɔ ne Negeb+ ne Sefela+ kɔkoeɛ. 10 Afei Yudafoɔ no kɔɔ Kanaanfoɔ a wɔte Hebron+ no so. (Berɛ bi na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba.)+ Na wɔkum Sesai ne Ahiman ne Talmai.+
11 Wɔfiri hɔ kɔɔ Debirfoɔ so.+ (Berɛ bi na wɔfrɛ Debir sɛ Kiriat-Sefer.)+ 12 Afei Kaleb+ kaa sɛ: “Deɛ ɔbɛtumi ako afa Kiriat-Sefer no, mede me babaa Aksa+ bɛma no aware.”+ 13 Ɛnna Kaleb nua kumaa+ Kenas+ ba Otniel+ kɔko faeɛ, enti ɔde ne babaa Aksa maa no wareeɛ.+ 14 Na ɔbaa no rekɔ fie no, ɔsii so ka kyerɛɛ ne kunu sɛ ɔmmisa asase mfiri ne papa nkyɛn. Afei berɛ a Aksa te afunumu soɔ no, ɔbɔɔ ne nsam frɛɛ ne papa.+ Ɛnna Kaleb bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wopɛ?” 15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, hyira me.+ Asase a ɛda anafoɔ na wode maa me, enti fa Gulot-Maim* ma me.” Na ɔde Gulot Atifi+ ne Gulot Anafoɔ maa no.
16 Na Mose asebarima+ a ɔyɛ Kenini+ no mma ne Yudafoɔ firi mmɛ kuro+ no mu baa Yuda serɛ a ɛwɔ Arad anafoɔ no so.+ Na wɔne ɛhɔfoɔ kɔtenaeɛ.+ 17 Afei Yuda ne ne nua Simeon kɔto hyɛɛ Kanaanfoɔ a wɔte Sefat no so, na wɔsɛee kuro no pasaa.+ Enti wɔtoo kuro no din Horma.+ 18 Akyire yi, Yuda ko faa Gasa+ ne ɛho nsase, Askelon+ ne ɛho nsase, ne Ekron+ ne ɛho nsase. 19 Yehowa kɔɔ so dii Yuda akyi, na ɔfaa nsase a ɛwɔ bepɔ soɔ no, nanso wantumi ampamo wɔn a wɔtete asasetamaa no soɔ no, ɛfiri sɛ na wɔwɔ nteaseɛnam+ a wɔde nnadeɛ ayɛ.+ 20 Berɛ a wɔde Hebron maa Kaleb sɛdeɛ Mose kaeɛ no,+ ɔpamoo Anak+ mma mmiɛnsa no firii hɔ.
21 Na Benyaminfoɔ no ampamo Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no,+ na Yebusifoɔ no kɔɔ so ne Benyaminfoɔ tenaa Yerusalem de bɛsi nnɛ.+
22 Yosef fiefoɔ+ nso kɔɔ Betel so,+ na Yehowa dii wɔn akyi.+ 23 Na Yosef fiefoɔ no wiaa wɔn ho kɔhwɛɛ+ Betel. (Kane no na wɔfrɛ kuro no Lus.)+ 24 Na wɔn a wɔsomaa wɔn no hunuu ɔbarima bi sɛ ɔfiri kuro no mu reba. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛsrɛ wo, kyerɛ yɛn kwan a yɛbɛfa so akɔ kuro no mu, na yɛne wo bɛdi no adɔeɛ so.”+ 25 Na ɔbarima no kyerɛɛ wɔn kwan a wɔbɛfa so akɔ kuro no mu. Na wɔde nkrantɛ kɔkunkum kurom hɔfoɔ,+ na wɔgyaa ɔbarima no ne n’abusuafoɔ nyinaa.+ 26 Afei ɔbarima no kɔɔ Hitifoɔ+ asase so kɔkyekyeree kuro bi too hɔ din Lus. Saa na wɔfrɛ hɔ de bɛsi nnɛ.
27 Na Manase+ amfa Bet-Sean+ ne Taanak+ ne ɛho nkuro, ne Dorfoɔ+ ne Yibleamfoɔ+ ne Megidofoɔ+ ne nkuro a atwa wɔn ho ahyia no. Kanaanfoɔ no kɔɔ so tenaa asase yi so.+ 28 Afei Israelfoɔ no ho bɛyɛɛ den,+ na wɔmaa Kanaanfoɔ no yɛɛ nkoadwuma,+ na wɔantu wɔn amfiri hɔ koraa.+
29 Efraim nso ampamo Kanaanfoɔ a wɔte Geser no amfiri hɔ, na mmom Kanaanfoɔ no kɔɔ so ne wɔn tenaa Geser.+
30 Sebulon+ ampamo Kitronfoɔ ne Nahalolfoɔ+ no, na mmom Kanaanfoɔ yi kɔɔ so ne wɔn tenaeɛ,+ na wɔmaa wɔyɛɛ nkoadwuma.+
31 Aser+ ampamo nnipa a wɔte Ako ne Sidon+ ne Ahlab ne Aksib+ ne Helba ne Afik+ ne Rehob+ no. 32 Enti Aserfoɔ no kɔɔ so ne Kanaanfoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no tenaeɛ, na wɔampamo wɔn.+
33 Naftali+ nso ampamo nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat+ no, na wɔkɔɔ so ne Kanaanfoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no tenaeɛ,+ na wɔde nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat no yɛɛ nkoadwuma.+
34 Amorifoɔ no kaa Danfoɔ+ no hyɛɛ bepɔ no so, na wɔamma wɔansiane amma asasetamaa no so.+ 35 Enti Amorifoɔ no kɔɔ so tenaa Bepɔ Heres so ne Ayalon+ ne Saalbim.+ Nanso Yosef fiefoɔ nsa yɛɛ den wɔn so, na wɔde wɔn yɛɛ nkoadwuma.+ 36 Na Amorifoɔ hyeɛ no firi Akrabim+ kokoɔ so, na ɛfiri Sela foro kɔ atifi fam.