47 Nanso na Dan mma no asase sua+ ma wɔn. Enti Dan mma no de wɔn ani kyerɛɛ atifi ne Lesemfoɔ+ kɔkoeɛ, na wɔtwee nkrantɛ too kuro no so, na wɔfa tenaa so. Afei wɔde wɔn agya Dan din too Lesem so, enti wɔfrɛɛ kuro no Dan.+
18Saa berɛ no na ɔhene biara nni Israel.+ Na saa nna no mu no, na Dan abusuakuo+ no rehwehwɛ asase atena so, ɛfiri sɛ ɛde bɛsi saa berɛ no na wɔnnyaa agyapadeɛ wɔ Israel mmusua no mu.+