Yosua
19 Afei ntonto a ɛtɔ so mmienu+ no bɔɔ Simeon abusuakuo no, Simeon mma+ mmusua no. Ná wɔn agyapadeɛ no wɔ Yuda abusuakuo no asase so.+ 2 Berɛ a wɔmaa wɔn agyapadeɛ no, nkuro a wɔnyaeɛ no bi ne Beer-Seba,+ Saba, Molada,+ 3 ne Hasar-Sual,+ Bala, Esem,+ 4 ne Eltolad,+ Betul, Horma, 5 ne Siklag,+ Bet-Makabot, Hasar-Susa,+ 6 ne Bet-Lebaot+ ne Saruhen; nkuro dumiɛnsa ne ɛho nkuraa. 7 Ain,+ Rimon,+ Eter, ne Asan;+ nkuro nnan ne ɛho nkuraa, 8 ne nkuraa a atwa nkuro yi nyinaa ho ahyia de kɔsi Baalat-Beer+ ne Rama+ wɔ anafoɔ. Yei ne Simeon mma mmusua no agyapadeɛ. 9 Yuda abusuakuo no agyapadeɛ no bi na wɔde maa Simeon abusuakuo no, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ agyapadeɛ no sõ dodo ma wɔn.+ Enti na Simeon abusuakuo no nkuro wɔ Yudafoɔ asase so.+
10 Ntonto a ɛtɔ so mmiɛnsa+ no bɔɔ Sebulon+ mma mmusua no. Na wɔn asase no hyeɛ kɔsi Sarid. 11 Ɛhyeɛ no toa so fa atɔeɛ fam kɔ Mareal de kɔsi Dabeset, na ɛkɔ ara kɔfa subɔn a ɛne Yokneam+ di nhwɛanimu no ho. 12 Na ɛfiri Sarid san kɔfa apueeɛ kɔ Kislot-Tabor hyeɛ so, na ɛfiri hɔ kɔfa Daberat+ foro kɔ Yafia. 13 Afei ɛtwam fa apueeɛ kɔ Gat-Hefer+ ne Et-Kasin. Ɛfiri hɔ kɔ Rimon, na ɛtoa so kɔ Nea. 14 Ɛhyeɛ no kontono fa atifi kɔ Hanaton, na ano kɔpem Yifta-El Bɔn mu, 15 ne Katat, Nahalal, Simron,+ Yidala, ne Betlehem;+ nkuro dumienu ne ɛho nkuraa. 16 Yei ne Sebulon mma mmusua+ no agyapadeɛ;+ nkuro ne ɛho nkuraa.
17 Ntonto a ɛtɔ so nnan no bɔɔ Isakar+ mma mmusua no. 18 Wɔn asase no hyeɛ kɔfa Yesreel,+ Kesulot, Sunem,+ 19 ne Hafraim, Sihon, Anaharat, 20 ne Rabit, Kision, Ebes, 21 ne Remet, En-Ganim,+ En-Hada, ne Bet-Pases. 22 Na ɛhyeɛ no san kɔfa Tabor,+ Sahasuma, ne Bet-Semes, na ano kɔpem Yordan; nkuro dunsia ne ɛho nkuraa. 23 Yei ne Isakar mma mmusua+ no agyapadeɛ; nkuro no ne ɛho nkuraa.
24 Ntonto a ɛtɔ so nnum+ no bɔɔ Aser+ mma mmusua no. 25 Wɔn hyeɛ ne Helkat,+ Hali, Beten, Aksaf,+ 26 ne Alamelek, Amad, ne Misal.+ Ɛkɔ atɔeɛ kɔfa Karmel+ ne Sihor-Libnat, 27 na ɛsan kɔfa apueeɛ kɔ Bet-Dagon kɔsi Sebulon+ ne Yifta-El Bɔn mu wɔ atifi; ɛkɔ Bet-Emek ne Neiel, na ɛfiri hɔ kɔ Kabul wɔ benkum so, 28 na ɛkɔfa Ebron, Rehob, Hamon, ne Kana, na ɛkɔduru Sidon+ kɛseɛ. 29 Na ɛhyeɛ no dane kɔfa Rama kɔ ara kɔduru Tiro+ kuro a wɔabɔ ho ban no mu. Afei ɛkɔfa Hosa de kɔsi po no ho wɔ Aksib+ mpɔtamu, 30 ne Uma, Afek,+ ne Rehob;+ nkuro aduonu mmienu ne ɛho nkuraa. 31 Yei ne Aser asefoɔ mmusua+ no agyapadeɛ; nkuro ne ɛho nkuraa.
32 Ntonto a ɛtɔ so nsia+ no bɔɔ Naftali+ abusuakuo no, Naftali mma mmusua no. 33 Wɔn hyeɛ no firi Helef kɔfa Saananim+ dua kɛseɛ no ho kɔ Adami-Nekeb ne Yabneel kɔsi Lakum; na ano kɔpem Yordan. 34 Ɛkɔfa atɔeɛ kɔ Asnot-Tabor, na ɛfiri hɔ kɔ Hukok kɔsi Sebulon+ wɔ anafoɔ, Aser+ wɔ atɔeɛ, Yuda+ wɔ Yordan apueeɛ fam. 35 Nkuro a wɔabɔ ho ban no ne Sidim, Ser, Hammat,+ Rakat, Kineret,+ 36 ne Adama, Rama, Hasor,+ 37 ne Kedes,+ Edrei, En-Hasor, 38 ne Yiron, Migdal-El, Horem, Bet-Anat, ne Bet-Semes;+ nkuro dunkron ne ɛho nkuraa. 39 Yei ne Naftali mma mmusua+ no agyapadeɛ;+ nkuro ne ɛho nkuraa.
40 Ntonto a ɛtɔ so nson+ no bɔɔ Dan+ mma mmusua no. 41 Wɔn agyapadeɛ no hyeɛ fa Sora,+ Estaol, Ir-Semes, 42 ne Saalabin,+ Ayalon,+ Yitla, 43 ne Elon, Timna,+ Ekron,+ 44 ne Elteke, Gibeton,+ Baalat,+ 45 ne Yehud, Bene-Berak, Gat-Rimon,+ 46 ne Me-Yarkon ne Rakon, na ɛhyeɛ no kɔfa Yopa+ anim. 47 Nanso na Dan mma no asase sua+ ma wɔn. Enti Dan mma no de wɔn ani kyerɛɛ atifi ne Lesemfoɔ+ kɔkoeɛ, na wɔtwee nkrantɛ too kuro no so, na wɔfa tenaa so. Afei wɔde wɔn agya Dan din too Lesem so, enti wɔfrɛɛ kuro no Dan.+ 48 Yei ne Dan mma mmusua no agyapadeɛ; nkuro ne ɛho nkuraa.
49 Afei wɔwiee asase no kyekyɛ. Na Israelfoɔ maa Nun ba Yosua agyapadeɛ wɔ wɔn mfimfini. 50 Wɔde kuro a ɔbisaeɛ no maa no+ sɛdeɛ Yehowa hyɛeɛ no. Kuro no ne Timnat-Sera+ a ɛwɔ Efraim bepɔ soɔ no; na ɔkyekyeree kuro no tenaa mu.
51 Yeinom ne nsase a ɔsɔfoɔ Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israel agyanom mmusua mu atitire bɔɔ ntonto wɔ Silo+ kyɛ maa wɔn.+ Wɔyɛɛ saa Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano.+ Afei wɔwiee asase no kyekyɛ.