Yosua 18:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Afei Israel asafo no nyinaa kɔhyiaa Silo,+ na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ,+ ɛfiri sɛ afei deɛ, na asase no abɛdi wɔn nsam.+ Atemmufoɔ 21:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Afei wɔkaa sɛ: “Hwɛ, afe biara wɔhyɛ fã ma Yehowa wɔ Silo+ a ɛwɔ Betel atifi, tempɔn a ɛfiri Betel kɔ Sekem+ no apueeɛ, Lebona anafoɔ.” 1 Samuel 1:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Afe biara, ɔbarima yi firi ne kurom kɔ sɛ ɔrekɔkoto+ na wabɔ afɔdeɛ ama asafo Yehowa wɔ Silo.+ Ɛhɔ na na Eli mma mmienu, Hofni ne Finehas,+ di Yehowa asɔfoɔ.+ Yeremia 7:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “‘Afei, monkɔ me tenabea a na ɛwɔ Silo,+ baabi a kane meyii sɛ me din ntena hɔ no,+ na monkɔhwɛ deɛ meyɛɛ hɔ, me man Israel bɔne a wɔyɛeɛ no nti.+
18 Afei Israel asafo no nyinaa kɔhyiaa Silo,+ na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ,+ ɛfiri sɛ afei deɛ, na asase no abɛdi wɔn nsam.+
19 Afei wɔkaa sɛ: “Hwɛ, afe biara wɔhyɛ fã ma Yehowa wɔ Silo+ a ɛwɔ Betel atifi, tempɔn a ɛfiri Betel kɔ Sekem+ no apueeɛ, Lebona anafoɔ.”
3 Afe biara, ɔbarima yi firi ne kurom kɔ sɛ ɔrekɔkoto+ na wabɔ afɔdeɛ ama asafo Yehowa wɔ Silo.+ Ɛhɔ na na Eli mma mmienu, Hofni ne Finehas,+ di Yehowa asɔfoɔ.+
12 “‘Afei, monkɔ me tenabea a na ɛwɔ Silo,+ baabi a kane meyii sɛ me din ntena hɔ no,+ na monkɔhwɛ deɛ meyɛɛ hɔ, me man Israel bɔne a wɔyɛeɛ no nti.+