Yosua
18 Afei Israel asafo no nyinaa kɔhyiaa Silo,+ na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ,+ ɛfiri sɛ afei deɛ, na asase no abɛdi wɔn nsam.+ 2 Nanso na aka Israelfoɔ mmusua nson a wɔntwitwaa wɔn nsase mmaa wɔn. 3 Enti Yosua bisaa Israelfoɔ no sɛ: “Mobɛtwentwɛn mo nan ase akɔsi da bɛn na moakɔfa asase+ a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?+ 4 Monyi mmarima mmiɛnsa mfiri abusuakuo biara mu na memma wɔnkɔfa asase no so; wɔnsusu na wɔntwerɛ ho nsɛm sɛ wɔn agyapadeɛ, na wɔmmra me nkyɛn.+ 5 Wɔnkyɛ asase no mu nson mfa.+ Yuda nnyina n’asase so wɔ anafoɔ+ na Yosef fie nso nnyina wɔn asase so wɔ atifi.+ 6 Monkyekyɛ asase no mu nson, na montwerɛ ho nsɛm mmrɛ me, na mɛbɔ ntonto+ Yehowa yɛn Nyankopɔn anim ama mo. 7 Na Lewifoɔ no deɛ, wɔrennya mo asase no bi,+ ɛfiri sɛ wɔn agyapadeɛ ne Yehowa asɔfodie.+ Gad ne Ruben+ ne Manase abusuakuo fã+ no nso anya wɔn agyapadeɛ a Yehowa akoa Mose de maa wɔn Yordan agya wɔ apueeɛ no.”+
8 Enti mmarima no sɔree sɛ wɔrekɔ, na Yosua ka kyerɛɛ+ wɔn a wɔrekɔyɛ asase no ho krataa sɛ: “Monkɔfa asase no so ntwitwa nto hɔ na monsan mmra, na mɛbɔ ntonto+ Yehowa anim wɔ Silo+ ama mo.” 9 Na mmarima no siim kɔfaa asase no so kyekyɛɛ+ mu nson, emu biara ne ne nkuro, na wɔtwerɛɛ no nwoma mu. Afei wɔsan baa Yosua nkyɛn wɔ Silo asoɛeɛ, 10 na Yosua bɔɔ ntonto maa wɔn wɔ Silo, Yehowa anim.+ Enti Yosua kyɛɛ asase no maa Israelfoɔ no maa obiara nyaa ne kyɛfa.+
11 Wɔbɔɔ ntonto+ maa Benyamin+ asefoɔ mmusua no nyaa wɔn asase. Wɔn asase no da Yuda+ ne Yosef+ mma no ntam. 12 Na wɔn hyeɛ no kɔpem Yordan atifi, na ɛforo kɔfa Yeriko+ nkokoɔ so wɔ atifi, na ɛtwam fa bepɔ so wɔ atɔeɛ kɔpem Bet-Awen+ serɛ so. 13 Na ɛhyeɛ no firi hɔ kɔfa Lus,+ wɔ Lus anaa Betel+ nkokoɔ a ɛwɔ anafoɔ no ho; na ɛsiane kɔfa Atarot-Adar,+ bepɔ a ɛwɔ Anafoɔ Bet-Horon+ anafoɔ no so. 14 Ɛhyeɛ no firi bepɔ a ɛwɔ Bet-Horon anim wɔ anafoɔ no so kontono fa atɔeɛ fam kɔ anafoɔ; na ɛkɔpem Kiriat-Baal anaa Kiriat-Yearim,+ Yudafoɔ kuro bi. Yei ne atɔeɛ fam hyeɛ no.
15 Na anafoɔ fam hyeɛ no firi Kiriat-Yearim ano nohoa kɔ atɔeɛ kɔfa Neftoa+ asutire ho. 16 Na ɛsiane kɔfa bepɔ a ɛne Hinom ba bɔn+ di nhwɛanimu no akyi pɛɛ. Saa bepɔ yi kɔ ara kɔduru Refaim+ Bɔn no atifi fam. Na ɛhyeɛ no siane kɔfa Hinom Bɔn mu kɔ Yebusifoɔ+ kokoɔ so wɔ anafoɔ fam, na ɛfiri hɔ kɔ En-Rogel.+ 17 Na afei ɛkɔ atifi kɔfa En-Semes kɔ Gelilot wɔ Adumim+ kokoɔ no anim, na ɛsiane kɔ Ruben ba Bohan+ boɔ+ no ho. 18 Na ɛforo kɔ atifi fam kɔfa Araba kokoɔ no anim siane kɔ Araba. 19 Ɛhyeɛ no twam kɔ Bet-Hogla+ kokoɔ so wɔ atifi fam. Na ano kɔpem Nkyene Po+ no faka a ɛwɔ atifi fam no ho wɔ Yordan anafoɔ. Yei ne anafoɔ fam hyeɛ no. 20 Na Yordan ne asase no hyeɛ a ɛda apueeɛ fam. Yei ne asase a wɔde maa Benyamin asefoɔ mmusua no; n’ahyeɛ nyinaa nie.
21 Nkuro a ɛbɛdii Benyamin asefoɔ ne wɔn mmusua nsam ne Yeriko,+ Bet-Hogla, Emek-Kesis, 22 ne Bet-Araba,+ Semaraim, Betel,+ 23 ne Awim, Para, Ofra,+ 24 ne Kefa-Amoni, Ofni, Geba;+ nkuro dumienu ne ɛho nkuraa.
25 Gibeon,+ Rama, Beerot, 26 ne Mispe,+ Kefira,+ Mosa, 27 ne Rekem, Yirpeel, Tarala, 28 ne Sela,+ Ha-Elef, ne Yebusifoɔ kuro Yerusalem,+ ne Gibea+ ne Kiriat; nkuro dunan ne ɛho nkuraa.
Yei ne Benyamin mma mmusua no agyapadeɛ.+