Yosua
18 Afei Israel asafo no nyinaa kɔhyiaa wɔ Silo,+ na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ,+ ɛfiri sɛ afei deɛ, na asaase no abɛdi wɔn nsam.+ 2 Nanso na aka Israel mmusuakuo nson a wɔnkyɛɛ wɔn agyapadeɛ mmaa wɔn. 3 Enti Yosua bisaa Israelfoɔ no sɛ: “Mobɛtwentwɛn mo nan ase akɔsi da bɛn na moakɔfa asaase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?+ 4 Monyi mmarima mmiɛnsa mfiri abusuakuo biara mu mma me na mensoma wɔn; ɛsɛ sɛ wɔkɔfa asaase no so na wɔsusu na wɔhunu deɛ abusuakuo biara bɛnya, na wɔsan ba me nkyɛn. 5 Wɔnkyɛ asaase no mu nson mfa.+ Yuda bɛka n’asaase so wɔ anaafoɔ,+ na Yosef fie nso aka wɔn asaase so wɔ atifi.+ 6 Mo deɛ, monkyekyɛ asaase no mu nson, na montwerɛ ho nsɛm mmrɛ me wɔ ha, na mɛbɔ ntonto+ wɔ ha wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn anim ama mo. 7 Na Lewifoɔ no deɛ, wɔremma wɔn mo asaase no bi,+ ɛfiri sɛ wɔn agyapadeɛ ne Yehowa asɔfodie.+ Gad ne Ruben ne Manase abusuakuo fã+ no nso anya wɔn agyapadeɛ dada wɔ Yordan agya wɔ apueeɛ fam, deɛ Yehowa akoa Mose de maa wɔn no.”
8 Enti mmarima no sɔree sɛ wɔrekɔ, na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔsusu asaase no sɛ: “Monkɔ na monkɔfa asaase no so; monsusu na monsan mmra me nkyɛn, na mɛbɔ ntonto wɔ ha wɔ Yehowa anim wɔ Silo ama mo.”+ 9 Na mmarima no siim kɔfaa asaase no so susuiɛ, na wɔkyekyɛɛ mu nson; emu biara ne ne nkuro, na wɔtwerɛɛ wɔ nwoma mu. Afei wɔsan baa Yosua nkyɛn wɔ Silo asoɛeɛ hɔ. 10 Na Yosua bɔɔ ntonto maa wɔn wɔ Silo wɔ Yehowa anim.+ Ɛhɔ na Yosua kyɛɛ asaase no maa Israelfoɔ no maa obiara nyaa ne kyɛfa.+
11 Wɔbɔɔ ntonto maa Benyamin abusuakuo no nyaa wɔn asaase sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Wɔn asaase no da Yuda asefoɔ+ ne Yosef asefoɔ+ no ntam. 12 Atifi fam no, wɔn hyeɛ no firi Yordan ho foro kɔfa Yeriko+ nkokoɔ so wɔ atifi, na ɛforo kɔfa bepɔ no so wɔ atɔeɛ kɔpem Bet-Awen+ serɛ so. 13 Na ɛhyeɛ no toa so firi hɔ kɔfa Lus (ɛno ara ne Betel).+ Ɛfa Lus nkokoɔ a ɛwɔ anaafoɔ no ho; na ɛsiane kɔfa Atarot-Adar+ wɔ bepɔ a ɛwɔ Anaafoɔ Bet-Horon+ anaafoɔ fam no so. 14 Ɛhyeɛ no firi bepɔ a ɛwɔ Bet-Horon anim wɔ anaafoɔ no so kontono fa atɔeɛ fam kɔ anaafoɔ; na ɛkɔpem Kiriat-Baal, kyerɛ sɛ, Kiriat-Yearim,+ Yuda kuro bi. Wei ne atɔeɛ fam hyeɛ no.
15 Anaafoɔ fam hyeɛ no firi Kiriat-Yearim ano nohoa, na ɛhyeɛ no toa so kɔ atɔeɛ; na ɛkɔ Neftoa asutire ho.+ 16 Ɛhyeɛ no siane kɔfa bepɔ a ɛne Hinom Ba Bɔn+ di nhwɛanimu no ho pɛɛ. Saa bepɔ yi kɔ ara kɔduru Refaim+ Bɔn* no atifi fam. Na ɛhyeɛ no siane kɔfa Hinom Bɔn mu kɔ Yebusifoɔ+ kokoɔ so wɔ anaafoɔ fam, na ɛsiane kɔ En-Rogel.+ 17 Na afei ɛkɔ atifi fam, na ɛkɔfa En-Semes kɔ Gelilot a ɛwɔ Adumim kokoɔ+ no anim, na ɛsiane kɔ Ruben ba Bohan boɔ+ no ho. 18 Na ɛtoa so kɔ atifi fam kɔfa Araba kokoɔ no anim siane kɔ Araba. 19 Ɛhyeɛ no toa so kɔ Bet-Hogla+ kokoɔ so wɔ atifi fam. Na ano kɔpem baabi a Nkyene Po*+ no didi kɔ asaase mu wɔ atifi fam wɔ Yordan anaafoɔ no. Wei ne anaafoɔ fam hyeɛ no. 20 Asaase no hyeɛ a ɛda apueeɛ fam no ne Yordan. Wei ne agyapadeɛ a wɔde maa Benyamin asefoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; n’afã nyinaa ahyeɛ ne no.
21 Nkuro a ɛbɛdii Benyamin abusuakuo no nsam sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no nie: Yeriko, Bet-Hogla, Emek-Kesis, 22 Bet-Araba,+ Semaraim, Betel,+ 23 Awim, Para, Ofra, 24 Kefa-Amoni, Ofni, ne Geba;+ nkuro 12 ne ɛho nkuraa.
25 Gibeon,+ Rama, Beerot, 26 Mispe, Kefira, Mosa, 27 Rekem, Yirpeel, Tarala, 28 Sela,+ Ha-Elef, Yebusi, kyerɛ sɛ, Yerusalem,+ ne Gibea+ ne Kiriat; nkuro 14 ne ɛho nkuraa.
Wei ne Benyamin asefoɔ agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.