Yosua
17 Na ntonto no+ yii Manase+ abusuakuo no deɛ maa wɔn, ɛfiri sɛ ɔno ne Yosef ba panin.+ Manase ba panin Makir+ a ɔyɛ Gilead papa no nyaa Gilead ne Basan+ ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔsabarima. 2 Na ntonto no yii Manase asefoɔ a aka no nso deɛ maa wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Abiesar+ mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida mma. Weinom ne Yosef ba Manase asefoɔ mma mmarima no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ 3 Nanso Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad+ deɛ, na ɔnni ɔbabarima biara; ne mma nyinaa yɛ mmaa. Ne mma mmaa no din nie: Mahla, Noa, Hogla, Milka, ne Tirsa. 4 Na wɔbaa ɔsɔfoɔ Eleasar+ ne Nun ba Yosua ne mpanimfoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapadeɛ wɔ yɛn nua mmarima mu.”+ Enti ɔmaa wɔn agyapadeɛ wɔ wɔn papa nua mmarima mu sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+
5 Manase san nyaa nsaase du; ɛsono Gilead ne Basan asaase a ɛwɔ Yordan agya* no,+ 6 ɛfiri sɛ Manase mma mmaa no nyaa agyapadeɛ sɛdeɛ ne mma mmarima nyaa agyapadeɛ no, na Gilead asaase no bɛyɛɛ Manase asefoɔ nkaeɛ no agyapadeɛ.
7 Manase hyeɛ no firi Aser kɔ Mikmetat,+ wɔ Sekem+ anim. Ɛhyeɛ no firi hɔ fa anaafoɔ* kɔ En-Tapuafoɔ asaase so. 8 Tapua+ asaase no bɛdii Manasefoɔ nsam, nanso Tapua kuro a ɛwɔ Manase hyeɛ so no yɛ Efraim asefoɔ dea. 9 Ɛhyeɛ no siane kɔ Kana Subɔn no ho, subɔn no anaafoɔ fam. Ná Efraim nkuro no bi wɔ Manase nkuro no mu,+ na na Manase hyeɛ no wɔ subɔn no atifi, na ano kɔpem po no ano.+ 10 Anaafoɔ yɛ Efraim dea na atifi nso yɛ Manase dea; ne hyeɛ kɔpem ɛpo no ano.+ Wɔne* Aser bɔ hyeɛ wɔ atifi na wɔne* Isakar nso bɔ hyeɛ wɔ apueeɛ.
11 Deɛ Manase nyaa wɔ Isakar ne Aser nsaase so ne Bet-Sean ne ɛho nkuraa, Yibleam+ ne ɛho nkuraa, Dor+ mu nnipa ne ɛho nkuraa, En-Dor+ mu nnipa ne ɛho nkuraa, Taanak+ mu nnipa ne ɛho nkuraa, ne Megido mu nnipa ne ɛho nkuraa, nkuro mmiɛnsa a ɛgu nkokoɔ so.
12 Nanso Manase asefoɔ antumi anko amfa nkuro yi, na Kaananfoɔ kɔɔ so tenaa asaase no so.+ 13 Berɛ a Israelfoɔ ho yɛɛ den no, wɔmaa Kaananfoɔ no yɛɛ nkoadwuma,+ nanso wɔantu wɔn amfiri hɔ korakora.+
14 Na Yosef asefoɔ no kɔbisaa Yosua sɛ: “Adɛn nti na woabɔ ntonto ama yɛn* asaase baako pɛ,+ na woatwa asaase baako ama yɛn sɛ yɛn agyapadeɛ? Yɛyɛ ɔman kɛseɛ, na Yehowa ahyira yɛn abɛduru sɛsɛɛ.”+ 15 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ woyɛ ɔman kɛseɛ saa a, ɛnneɛ foro kɔ kwaeɛ a ɛwɔ Perisifoɔ ne Refaimfoɔ asaase so no,+ na kɔbu hɔ fa, ɛfiri sɛ bepɔ so asaase a ɛwɔ Efraim no+ sua ma wo.” 16 Na Yosef asefoɔ no kaa sɛ: “Bepɔ no sua ma yɛn, na Kaananfoɔ a wɔte bɔn no mu nyinaa,* wɔn a wɔte Bet-Sean+ ne ɛho nkuraa mu ne wɔn a wɔte Yesreel Bɔn mu*+ no wɔ nteaseɛnam+ a sekan tuatua ho.”* 17 Enti Yosua ka kyerɛɛ Yosef fie, Efraim ne Manase sɛ: “Woyɛ ɔman kɛseɛ na wo ho yɛ den yie. Ɛnyɛ asaase baako pɛ na wobɛnya,+ 18 na mmom bepɔ no so nso bɛyɛ wo dea.+ Ɛwom sɛ ɛyɛ kwaeɛ deɛ, nanso bu fa, na ɛhɔ na w’asaase no ano bɛpem. Kaananfoɔ no ho yɛ den na wɔwɔ nteaseɛnam a sekan tuatua ho* deɛ, nanso wobɛtu wɔn afiri hɔ.”+