Yosua
17 Na wɔbɔɔ ntonto+ maa Manase+ abusuakuo no nyaa asase, ɛfiri sɛ ɔno ne Yosef ba panin,+ na ɛbɛdii Manase ba panin Makir,+ Gilead+ papa, nsam, ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔsabarima;+ na wɔde Gilead+ ne Basan maa no. 2 Wɔbɔɔ ntonto maa Manase mma a aka no mmusua nso nyaa asase. Enti wɔkyɛ maa Abiesar+ asefoɔ ne Helek+ asefoɔ ne Asriel asefoɔ ne Sekem+ asefoɔ ne Hefer asefoɔ ne Semida+ asefoɔ. Yeinom ne Yosef ba Manase mma mmarima mmusua. 3 Manase ba ne Makir, na Makir ba ne Gilead. Na Gilead ba Hefer nso ba ne Selofehad.+ Ná Selofehad nni ɔbabarima biara; ne mma nyinaa yɛ mmaa na wɔn din ne Mahla, Noa, Hogla, Milka, ne Tirsa.+ 4 Mmaa yi baa ɔsɔfoɔ Eleasar+ ne Nun ba Yosua ne mpanimfoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapadeɛ wɔ yɛn nua mmarima mu.”+ Enti ɔmaa wɔn agyapadeɛ wɔn papa nuanom mu sɛdeɛ Yehowa hyɛeɛ no.+
5 Manase nyaa nsase du; ɛsono Gilead ne Basan asase a ɛwɔ Yordan agya no;+ 6 na Manase mma mmaa no nyaa agyapadeɛ wɔ ne mma mmarima mu; na Gilead asase no bɛyɛɛ Manase mma nkaeɛ no agyapadeɛ.
7 Manase hyeɛ no firi Aser kɔ Mikmetat,+ wɔ Sekem+ anim. Ɛhyeɛ no firi hɔ fa nifa so kɔ En-Tapuafoɔ asase so. 8 Tapua+ asase no bɛdii Manasefoɔ nsam, nanso Tapua kuro a ɛwɔ Manase hyeɛ soɔ no yɛ Efraimfoɔ dea. 9 Ɛhyeɛ no fa Kana subɔn ho kɔ anafoɔ de kɔfa Efraim nkuro a ɛwɔ subɔn ho no mu,+ wɔ Manase nkuro no mfimfini. Na Manase hyeɛ no wɔ subɔn no atifi, na ano kɔpem po no ho.+ 10 Enti na Efraim wɔ anafoɔ na Manase nso wɔ atifi; ne hyeɛ kɔpem po no ano.+ Wɔne Aser bɔ hyeɛ wɔ atifi na wɔne Isakar nso bɔ hyeɛ wɔ apueeɛ.
11 Manase+ bɛnyaa nkuro a ɛdidi soɔ yi ne ɛho nkuraa ne emu nnipa wɔ Isakar ne Aser nsase so: Bet-Sean+ ne Yibleam+ ne Dor+ ne En-Dor+ ne Taanak+ ne Megido,+ ne nkuro mmiɛnsa a ɛgu nkokoɔ soɔ.
12 Manasefoɔ antumi anko amfa nkuro yi,+ enti Kanaanfoɔ kɔɔ so tenaa asase no so.+ 13 Afei berɛ a Israelfoɔ ho yɛɛ den+ no, wɔmaa Kanaanfoɔ no yɛɛ nkoadwuma,+ nanso wɔantu wɔn amfiri hɔ koraa.+
14 Na Yosef mma no kɔbisaa Yosua sɛ: “Berɛ a Yehowa ahyira me abɛduru sɛsɛɛ ama mayɛ ɔman kɛseɛ+ yi, adɛn nti na woatwa asase baako pɛ na ama me sɛ m’agyapadeɛ?”+ 15 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ woyɛ ɔman kɛseɛ a, ɛnneɛ kɔbu kwaeɛ a ɛwɔ Perisifoɔ+ ne Refaimfoɔ+ asase soɔ no fa, ɛfiri sɛ bepɔ so+ asase a ɛwɔ Efraim no sua ma wo.” 16 Na Yosef mma no kaa sɛ: “Bepɔ no sua ma yɛn, na Kanaanfoɔ a wɔte asasetamaa no soɔ nyinaa, wɔn a wɔte Bet-Sean+ ne ɛho nkuro mu ne Yesreel+ Bɔn mu no, wɔ nteaseɛnam+ a wɔde nnadeɛ ayɛ.” 17 Enti Yosua ka kyerɛɛ Yosef fie, Efraim ne Manase, sɛ: “Woyɛ ɔman kɛseɛ na wo ho yɛ den yie.+ Ɛnyɛ asase baako na ɛsɛ sɛ wonya,+ 18 na mmom bepɔ no so bɛyɛ wo dea.+ Ɛyɛ kwaeɛ, enti bu fa, na ɛhɔ na w’asase no ano bɛpem. Kanaanfoɔ no ho yɛ den na wɔwɔ nnadeɛ nteaseɛnam deɛ, nanso pamo wɔn firi hɔ.”+