Yosua
16 Berɛ a wɔbɔɔ ntonto+ kyɛɛ asase no, na Yosef+ asefoɔ no hyeɛ firi Yordan+ agya a ɛbɛn Yeriko kɔsi Yeriko nsuo ho wɔ apueeɛ, serɛ a ɛfiri Yeriko foro kɔ Betel+ mmepɔ soɔ no. 2 Na asase no san kɔfa Betel a ɛwɔ Lus+ twam kɔ Arkifoɔ+ hyeɛ so wɔ Atarot, 3 na ɛsiane kɔ atɔeɛ kɔfa Yafletfoɔ hyeɛ so de kɔsi Anafoɔ Bet-Horon+ hyeɛ so, na ɛfiri hɔ kɔ Geser+ kɔpem po no ano.+
4 Na Yosef mma+ Manase ne Efraim+ nyaa wɔn asase.+ 5 Asase a Efraim asefoɔ mmusua no nyaeɛ no hyeɛ a ɛwɔ apueeɛ no firi Atarot-Adar+ de kɔsi Atifi Bet-Horon;+ 6 na ɛhyeɛ no kɔfa po no ano. Ná Mikmetat+ wɔ atifi fam, na ɛhyeɛ no kontono fa apueeɛ kɔ Taanat-Silo, na ɛtwam kɔ apueeɛ kɔduru Yanoa. 7 Na ɛsiane firi Yanoa kɔ Atarot ne Naara, na ɛkɔfa Yeriko+ kɔ Yordan. 8 Ɛhyeɛ no firi Tapua+ toa so kɔ atɔeɛ kɔduru Kana subɔn+ ho, na ɛfiri hɔ kɔ po no ano.+ Yei ne Efraim asefoɔ ne wɔn mmusua no asase. 9 Afei Efraimfoɔ nyaa nkuro+ wɔ Manasefoɔ asase so, nkuro ne ɛho nkuraa nyinaa.
10 Nanso wɔampamo Kanaanfoɔ+ a na wɔwɔ Geser+ no, enti Kanaanfoɔ kɔɔ so tenaa Efraimfoɔ mu de bɛsi nnɛ,+ na wɔde wɔn yɛɛ nkoadwuma.+