Yosua
15 Berɛ a wɔbɔɔ ntonto+ kyɛɛ asase no, Yuda asefoɔ ne wɔn mmusua no hyeɛ kɔfaa Edom,+ Sina serɛ so,+ kɔsii Negeb+ anafoɔ. 2 Na wɔn hyeɛ a ɛda anafoɔ no firi Nkyene Po+ no ano, faka a ani kyerɛ anafoɔ fam no ano. 3 Ɛkɔfa anafoɔ fam kɔ Akrabim+ kokoɔ so kɔsi Sina,+ na ɛfiri anafoɔ kɔfa Kades-Barnea+ twam kɔ Hesron, na ɛkɔfa Adar kontono kɔ Karka. 4 Afei ɛtwam kɔ Asmon+ kɔfa Egypt subɔn+ no ho, na ɛhyeɛ no ano kɔpem mpoano. Yei ne wɔn hyeɛ a ɛda anafoɔ fam no.
5 Wɔn hyeɛ a ɛda apueeɛ no nam Nkyene Po no ano de kɔsi Yordan agya. Na atifi fam hyeɛ no firi po no ho faka no ho wɔ Yordan agya.+ 6 Na ɛhyeɛ no san kɔfa Bet-Hogla+ twam kɔ Bet-Araba+ atifi, na ɛforo kɔ Ruben ba Bohan+ boɔ no ho. 7 Ɛsan kɔfa Debir wɔ Akor bɔn+ no mu, na ɛdane kɔ atifi kɔduru Gilgal+ a ɛda Adumim kokoɔ anim wɔ subɔn no anafoɔ. Na ɛhyeɛ no twam kɔfa En-Semes+ nsuo no ho kɔpem En-Rogel.+ 8 Na ɛhyeɛ no toa so kɔfa Hinom ba bɔn+ no ano kɔsi Yebusi+ kokoɔ so wɔ anafoɔ, kyerɛ sɛ Yerusalem.+ Na ɛforo kɔ bepɔ a ani kyerɛ Hinom Bɔn no atɔeɛ fam wɔ Refaim bɔn+ no atifi fam. 9 Na ɛhyeɛ no firi mmepɔ so kɔ Neftoa+ asutire ho, na ɛfiri hɔ kɔfa nkuro a ɛwɔ Bepɔ Efron soɔ no ho; na ɛtoa so kɔ Baala+ a wɔfrɛ no Kiriat-Yearim no.+ 10 Na ɛhyeɛ no firi Baala wɔ atɔeɛ kɔfa Bepɔ Seir ho, na ɛkɔ atifi fam kɔfa Bepɔ Yearim ho, kyerɛ sɛ Kesalon; na ɛsiane kɔfa Bet-Semes+ kɔ Timna.+ 11 Ɛhyeɛ no kɔfa Ekron+ kokoɔ so wɔ atifi fam, na ɛfiri hɔ kɔ Sikeron twam kɔ Bepɔ Baala no ho, na ɛfiri hɔ kɔ Yabneel; ɛhyeɛ no kɔpem po no ano.
12 Na atɔeɛ fam hyeɛ no nso nam Po Kɛseɛ+ no ano. Yei ne Yuda asefoɔ mmusua no asase no hyeɛ ano nyinaa.
13 Yefune ba Kaleb+ deɛ, ɔmaa no asase wɔ Yudafoɔ mu sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no; ɛno ne Kiriat-Arba (ɛfiri sɛ na Arba yɛ Anak agya). Saa kuro yi ara ne Hebron.+ 14 Na Kaleb tuu Anak mma mmiɛnsa no firii hɔ.+ Anak mma yi ne+ Sesai,+ Ahiman, ne Talmai.+ 15 Ɔfirii hɔ kɔɔ Debirfoɔ+ so. (Kane no na wɔfrɛ Debir sɛ Kiriat-Sefer.)+ 16 Afei Kaleb kaa sɛ: “Deɛ ɔbɛtumi ako afa Kiriat-Sefer no, mede me babaa Aksa+ bɛma no aware.” 17 Ɛnna Kaleb nua Kenas+ ba Otniel+ kɔko faeɛ, enti ɔde ne babaa Aksa+ maa no wareeɛ. 18 Na ɔbaa no rekɔ fie no, ɔsii so ka kyerɛɛ ne kunu sɛ ɔmmisa asase mfiri ne papa nkyɛn. Afei berɛ a Aksa te afunumu soɔ no, ɔbɔɔ ne nsam frɛɛ ne papa. Ɛnna Kaleb bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wopɛ?”+ 19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, hyira me. Asase a ɛda anafoɔ na wode maa me, enti fa Gulot-Maim ma me.” Na ɔde Gulot Atifi ne Gulot Anafoɔ+ maa no.
20 Yei ne agyapadeɛ+ a wɔde maa Yuda+ asefoɔ ne wɔn mmusua.
21 Yuda abusuakuo no nkuro a ɛgu anafoɔ fam a ɛbɛn Edom+ hyeɛ pɛɛ no ne Kabseel,+ Eder, Yagua, 22 ne Kina, Dimona, Adada, 23 ne Kedes, Hasor, Yitnan, 24 ne Sif, Telem,+ Bealot, 25 ne Hasor-Hadata, Keriot-Hesron, anaa Hasor, 26 ne Amam, Sema, Molada,+ 27 ne Hasar-Gada, Hesmon, Bet-Pelet,+ 28 ne Hasar-Sual,+ Beer-Seba,+ Bisiotia, 29 ne Baala,+ Yim, Esem,+ 30 ne Eltolad, Kesil, Horma,+ 31 ne Siklag,+ Madmana, Sansana, 32 ne Lebaot, Silhim, Ain,+ ne Rimon;+ nkuro aduonu nkron ne ɛho nkuraa.
33 Sefela+ nso, nkuro a ɛwɔ hɔ ne Estaol,+ Sora,+ Asnah, 34 ne Sanoa,+ En-Ganim, Tapua, Enam, 35 ne Yamut,+ Adulam,+ Soko,+ Aseka,+ 36 ne Saaraim,+ Aditaim, Gedera, ne Gederotaim; nkuro dunan ne ɛho nkuraa.
37 Senan, Hadasa, Migdal-Gad, 38 ne Dilean, Mispe, Yokteel, 39 ne Lakis,+ Boskat,+ Eglon,+ 40 ne Kabon, Lamam, Kitlis, 41 ne Gederot, Bet-Dagon, Naama, ne Makeda;+ nkuro dunsia ne ɛho nkuraa.
42 Libna,+ Eter,+ Asan, 43 ne Yifta, Asnah, Nesib, 44 ne Keila,+ Aksib,+ ne Maresa;+ nkuro nkron ne ɛho nkuraa.
45 Ekron+ ne ɛho nkuro ne nkuraa. 46 Ɛfiri Ekron kɔ atɔeɛ fam nsase a ɛwɔ Asdod ne ɛho nkuraa nyinaa.
47 Asdod+ ne ɛho nkuro ne nkuraa; Gasa+ ne ɛho nkuro ne nkuraa, kɔsi Egypt subɔn no ne Po Kɛseɛ no ho ne mantam no nyinaa.+
48 Na mmepɔ so nkuro ne Samir, Yatir,+ Soko, 49 ne Dana, Kiriat-Sanna, anaa Debir, 50 ne Anab, Estemo,+ Anim, 51 ne Gosen,+ Holon, ne Gilo;+ nkuro dubaako ne ɛho nkuraa.
52 Arab, Duma, Esan, 53 ne Yanim, Bet-Tapua, Afeka, 54 ne Humta, Kiriat-Arba, anaa Hebron,+ ne Sior; nkuro nkron ne ɛho nkuraa.
55 Maon,+ Karmel, Sif,+ Yuta, 56 ne Yesreel, Yokdeam, Sanoa, 57 ne Kain, Gibea, ne Timna;+ nkuro du ne ɛho nkuraa.
58 Halhul, Bet-Sur, Gedor, 59 ne Maarat, Bet-Anot, ne Eltekon; nkuro nsia ne ɛho nkuraa.
60 Kiriat-Baal,+ anaa Kiriat-Yearim,+ ne Raba; nkuro mmienu ne ɛho nkuraa.
61 Serɛ so nkuro nso ne Bet-Araba,+ Midin, Sekaka, 62 ne Nibsan, ne Nkyene Kuro, ne En-Gedi;+ nkuro nsia ne ɛho nkuraa.
63 Nanso Yebusifoɔ+ a wɔwɔ Yerusalem+ no deɛ, Yudafoɔ no antumi ampamo wɔn amfiri hɔ;+ na Yebusifoɔ ne Yudafoɔ tenaa Yerusalem de bɛsi nnɛ.