Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 23:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 Merempamo wɔn nyinaa mfiri w’anim afe baako mu, na asase no annane amamfõ na mmoa bɔne ammu so ammɛha wo.+

  • Numeri 33:55
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 55 “‘Na sɛ moampamo wɔn a wɔtete asase no soɔ+ nyinaa a, ɛnneɛ wɔn a wɔbɛka hɔ no bɛyɛ sɛ duaa bi a ɛwowɔ mo ani ne nkasɛɛ bi a ɛhyɛ mo honam mu, na wɔbɛha mo, asase a mobɛtena soɔ no so.+

  • Atemmufoɔ 1:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Na Benyaminfoɔ no ampamo Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no,+ na Yebusifoɔ no kɔɔ so ne Benyaminfoɔ tenaa Yerusalem de bɛsi nnɛ.+

  • Atemmufoɔ 2:23
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 23 Enti Yehowa maa aman yi kaa hɔ, na wampamo wɔn ntɛm ara,+ na wamfa wɔn anhyɛ Yosua nsa.

  • Atemmufoɔ 3:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Na wɔde wɔn sɔɔ Israelfoɔ hwɛɛ+ sɛ wɔbɛdi mmara a Yehowa nam Mose so de maa wɔn agyanom no so anaa.+

  • Atemmufoɔ 19:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Berɛ a wɔbɛn Yebusi no, na adeɛ asa ara ne sa,+ na ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ ne wura sɛ: “Ma yɛmmane nkɔ Yebusifoɔ+ kuro yi mu nkɔda hɔ.”

  • 2 Samuel 5:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Ɛnna ɔhene ne ne mmarima kɔɔ Yerusalem sɛ wɔne Yebusifoɔ+ a wɔtete asase no soɔ no rekɔko, nanso wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Woremma ha; anifirafoɔ ne mpakye na wɔbɛpamo woɔ.”+ Wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ: “Dawid remma ha.”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane