Atemmufoɔ
2 Afei Yehowa bɔfoɔ+ firi Gilgal+ kɔɔ Bokim,+ na ɔkaa sɛ: “Meyii mo firii Egypt baa asase a mekaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no so.+ Na mekaa sɛ, ‘Meremmu m’apam a me ne mo yɛeɛ no so da.+ 2 Na mo nso, mo ne asase yi sofoɔ nnyɛ apam biara.+ Mommubu wɔn afɔrebukyia.’+ Nanso moantie m’asɛm.+ Adɛn nti na moyɛɛ saa?+ 3 Enti deɛ mereka nie, ‘Merempamo wɔn mfiri mo ho, na wɔbɛyɛ fidie ama mo,+ na wɔn anyame bɛdaadaa mo.’”+
4 Berɛ a Yehowa bɔfoɔ no de asɛm yi too Israelfoɔ no anim ara pɛ na wɔmaa wɔn nne so suiɛ.+ 5 Enti wɔtoo hɔ din Bokim. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ maa Yehowa.
6 Berɛ a Yosua gyaa Israelfoɔ no kwan no, obiara kɔɔ n’agyapadeɛ so kɔtenaa asase no so.+ 7 Na nkurɔfoɔ no kɔɔ so som Yehowa, Yosua ne mpanimfoɔ a wɔtenaa ase wɔ n’akyi no nna nyinaa, mpanimfoɔ a wɔhunuu nnwuma akɛseɛ a Yehowa yɛ maa Israel no.+ 8 Afei Yehowa akoa Yosua, Nun ba no, wuiɛ berɛ a na wadi mfeɛ ɔha ne du.+ 9 Na wɔsiee no n’asase so wɔ Timnat-Heres+ a ɛwɔ Efraim bepɔ so wɔ Bepɔ Gaase atifi fam+ no. 10 Saa awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa wuwu maa wɔsiee wɔn kɔkaa wɔn agyanom ho.+ Na awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ dii wɔn akyi baeɛ a na wɔnnim Yehowa anaa nnwuma a ɔyɛ maa Israelfoɔ no.+
11 Na Israelfoɔ no yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so,+ na wɔsom Baal ahoni.+ 12 Wɔgyaa Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔde wɔn firi Egypt asase so baeɛ no+ kɔdii aman a atwa wɔn ho ahyia no anyame akyi,+ na wɔkotoo wɔn de hyɛɛ Yehowa abufuo.+ 13 Enti wɔgyaa Yehowa kɔsom Baal ne Astoret+ ahoni. 14 Afei Yehowa abufuo dɛre tiaa Israel,+ na ɔde wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa maa wɔfom wɔn nneɛma.+ Na ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no,+ na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.+ 15 Baabi a wɔkɔeɛ biara, Yehowa de amanehunu baa wɔn so,+ sɛdeɛ na Yehowa aka no, ɛfiri sɛ na Yehowa aka wɔn ntam dada+ sɛ ɔbɛyɛ saa, na wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.+ 16 Enti Yehowa maa wɔn atemmufoɔ+ sɛ wɔnnye wɔn mfiri wɔn a wɔfom wɔn nneɛma no nsam.+
17 Nanso wɔn atemmufoɔ no mpo, wɔantie wɔn, na mmom wɔne anyame foforɔ+ bɔɔ adwaman,+ na wɔkotoo wɔn. Wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa na wɔmane firii kwan a wɔn agyanom faa soɔ no so. Wɔn agyanom dii Yehowa ahyɛdeɛ so,+ nanso wɔn deɛ, wɔanyɛ saa. 18 Sɛ Yehowa ma wɔn atemmufoɔ+ a, na Yehowa di ɔtemmufoɔ biara akyi. Na ɔtemmufoɔ no nna nyinaa, ɔgyee wɔn firii wɔn atamfo nsam, ɛfiri sɛ na ɛha Yehowa+ sɛ ɔbɛhunu sɛ wɔn atamfo+ ne asɔretiafoɔ nti wɔresi apini.
19 Nanso sɛ ɔtemmufoɔ no wu a, wɔdane wɔn ho kɔyɛ akyiwadeɛ a ɛsene deɛ wɔn agyanom ayɛ pɛn, na wɔkɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn koto wɔn.+ Wɔansesa wɔn akwan na wɔannane amfiri wɔn nneyɛɛ bɔne no ho.+ 20 Afei Yehowa abufuo dɛre+ tiaa Israel, na ɔkaa sɛ: “Ɛsiane sɛ ɔman yi amane afiri apam+ a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no ho na wɔantie me+ nti, 21 me nso, merempamo aman a Yosua wu gyaa wɔn yi baako mpo mfiri wɔn anim.+ 22 Na menam wɔn so bɛsɔ Israel ahwɛ+ sɛ wɔbɛfa Yehowa kwan so sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no anaa wɔremfa so.” 23 Enti Yehowa maa aman yi kaa hɔ, na wampamo wɔn ntɛm ara,+ na wamfa wɔn anhyɛ Yosua nsa.