25 “Na sɛ motena asase no so kyɛ na monya mma ne mmanana, na moyɛ asobrakyeɛ+ kɔyɛ honi+ anaa biribi nsɛsoɔ anaa abusudeɛ biara wɔ Yehowa mo Nyankopɔn ani so+ de hyɛ no abufuo a,
26 ɛnneɛ ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefoɔ+ sɛ wɔbɛsɛe mo ntɛm afiri asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛtwa mo afiri so.+