Deuteronomium
7 “Afei sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nya de wo duru asase a worekɔfa no so a,+ ɔbɛpamo aman akɛseɛ yi afiri w’anim:+ Hitifoɔ,+ Girgasifoɔ,+ Amorifoɔ,+ Kanaanfoɔ,+ Perisifoɔ,+ Hiwifoɔ+ ne Yebusifoɔ.+ Aman nson yi dɔɔso na wɔn ho yɛ den sene wo.+ 2 Nanso Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa na woadi wɔn so nkonim.+ Sɛe wɔn pasaa.+ Wo ne wɔn nnyɛ apam biara, na nhu wɔn mmɔbɔ.+ 3 Wo ne wɔn mu biara nnni ayewareɛ. Mfa wo babaa mma ne babarima, na nnye ne babaa mma wo babarima.+ 4 Sɛ woyɛ saa a, ɔbɛma wo babarima afiri m’akyi akɔsom anyame foforɔ;+ na Yehowa abufuo adɛre mo so na wasɛe mo prɛko pɛ.+
5 “Mmom deɛ monyɛ nie: Mommubu wɔn afɔrebukyia+ ne wɔn abosom adum no,+ na montwitwa+ wɔn abosonnua+ ngu, na momfa gya nhye wɔn ahoni.+ 6 Wo deɛ, woyɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wo afiri asase so aman nyinaa mu de wo ayɛ ne man, n’agyapadeɛ titire.+
7 “Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sene aman a aka nyinaa nti na Yehowa pɛ mo asɛm na wahyɛ da ayi mo,+ ɛfiri sɛ mo mmom na mosua koraa wɔ aman nyinaa mu.+ 8 Na ɛsiane sɛ Yehowa dɔ mo+ na ɔpɛ sɛ ɔdi ntam a ɔkaa mo agyanom no soɔ+ nti na Yehowa de nsa a ɛyɛ den yii mo+ firii nkoafie,+ na ɔgyee mo firii Egypt hene Farao nsam no. 9 Wonim sɛ Yehowa wo Nyankopɔn yɛ nokorɛ Nyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn nokwafoɔ+ a ɔdi n’apam soɔ,+ na wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara soɔ no, ɔyi n’adɔeɛ adi kyerɛ wɔn kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem so.+ 10 Na deɛ ɔtan no deɛ, ɔde n’akatua bɛsi n’anim asɛe no ntɛm.+ Ɔrentwentwɛn ne nan ase wɔ ne ho; ɔbɛtua no ka ntɛm wɔ n’anim. 11 Na ma mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a mede rema wo nnɛ yi nna w’akoma so na di so.+
12 “Sɛ motie atemmusɛm yi na modi so a,+ Yehowa mo Nyankopɔn nso bɛdi apam+ ne adɔeɛ a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no so.+ 13 Na ɔbɛdɔ wo ahyira wo+ na woadɔɔso.+ Ɔbɛhyira wo yafunu mu aba+ ne w’asase so aba,+ w’ayuo ne wo nsã foforɔ ne wo ngo, w’anantwie mma ne wo nnwan mma+ wɔ asase a ɔkaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ no so.+ 14 Ɔbɛhyira wo asene aman nyinaa.+ Wo mmarima ne wo mmaa ne wo mmoa mu biara renyɛ obonini.+ 15 Yehowa bɛyi yareɛ biara afiri wo so; na ɔremfa yare bɔne a wohunuu no Egypt no biara mma wo so,+ na ɔde bɛkɔ wɔn a wɔtan woɔ nyinaa so. 16 Sɛe aman a Yehowa wo Nyankopɔn de bɛhyɛ wo nsa nyinaa;+ nhu wɔn mmɔbɔ,+ na nsom wɔn anyame+ ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ fidie ama wo.+
17 “Ebia wobɛka no w’akomam sɛ, ‘Aman yi dɔɔso dodo ma me. Mɛyɛ dɛn atumi apamo wɔn?’+ 18 Nanso nsuro wɔn,+ na kae deɛ Yehowa wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Egypt nyinaa.+ 19 Kae sɔhwɛ+ ne nsɛnkyerɛnne, anwanwadeɛ,+ nsa a ɛyɛ den,+ ne basa a wɔatene mu+ a wohunuu sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nam so yii woɔ no.+ Saa ara na Yehowa wo Nyankopɔn bɛyɛ aman a wosuro wɔn no nyinaa.+ 20 Na Yehowa wo Nyankopɔn bɛma ehu+ ahyeta wɔn mu akɔsi sɛ wɔn a wɔaka a wɔahunta nyinaa bɛwuwuo.+ 21 Mma wɔnntu w’akoma, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.+ Ɔyɛ Onyankopɔn pumpuni a ne ho yɛ hu.+
22 “Yehowa wo Nyankopɔn bɛpamo aman yi afiri w’anim nkakrankakra.+ Ɔremma wonsɛe wɔn nyinaa prɛko, anyɛ saa a wuram mmoa bɔne bɛbu so abɛha wo. 23 Na Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa na wama wɔabubu afa so akɔsi sɛ wɔn ase bɛtɔre.+ 24 Ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ wo nsa+ na woasɛe wɔn din afiri ɔsoro ase.+ Obiara rentumi nnyina w’anim+ kɔsi sɛ wobɛgu wɔn ase.+ 25 Momfa gya nhye wɔn anyame ahoni no.+ Mma w’ani mmmere ɛho dwetɛ anaa sika,+ na mfa+ bi na ansum wo fidie,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.+ 26 Mfa akyiwadeɛ biara mma wo fie na wɔansɛe wo anka abusudeɛ no ho. Ma no nyɛ wo tan na kyiri,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ abusudeɛ a wɔbɛsɛe no pasaa.+