Exodus 23:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Ɔbaa biara nni hɔ a ɔbɛnyinsɛn apɔn, na wɔrenhunu bonini biara w’asase so.+ Mɛma nna amee wo.+ Deuteronomium 28:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 “Yehowa bɛhyira wo ama wo yafunu mu aba+ adɔɔso, na w’afieboa ase atrɛ na w’afuo mu nnɔbaeɛ+ abu so asase a Yehowa kaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ no so.+ Dwom 127:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Hwɛ! Mma yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Yehowa hɔ.+Yafunu mu aba yɛ akatua.+
11 “Yehowa bɛhyira wo ama wo yafunu mu aba+ adɔɔso, na w’afieboa ase atrɛ na w’afuo mu nnɔbaeɛ+ abu so asase a Yehowa kaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ no so.+