Exodus
23 “Mma atosɛm nnyɛ wo dɛ.+ Na wo ne ɔbɔnefoɔ nnni nsawɔsoɔ nnkɔdi adansekunumu.+ 2 Nni nnipa dodoɔ akyi nkɔyɛ bɔne,+ na nni nnipa dodoɔ akyi nkɔka atosɛm mfa nnane asɛm ani.+ 3 Sɛ woredi ohiani asɛm a, nyɛ animhwɛ.+
4 “Wohunu wo tamfo nantwie anaa n’afunumu sɛ wayera a, fa no kɔma no.+ 5 Obi a ɔtan woɔ mpo, sɛ wohunu sɛ n’afunumu hyɛ n’adesoa ase wɔ fam a, ntwa ne ho nkɔ. Boa no na ɔnsane no.+
6 “Sɛ woredi ohiani asɛm a, hwɛ na woannane asɛm no ani.+
7 “Twe wo ho firi atosɛm ho kɔ akyirikyiri.+ Nkum deɛ ne ho nni asɛm ne ɔteneneeni, ɛfiri sɛ meremma ɔbɔnefoɔ nni bem.+
8 “Nnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ deɛ ɔhunu adeɛ yie mpo, adanmudeɛ tumi fira n’ani, na ɛma ɔteneneeni sesa n’ano.+
9 “Nhyɛ ɔhɔhoɔ so,+ na monim sɛdeɛ ɔhɔhoɔ kra teɛ, ɛfiri sɛ mo nso na moyɛ ahɔhoɔ wɔ Egypt asase so.+
10 “Fa mfeɛ nsia dua w’asase so aba na twa so nnɔbaeɛ.+ 11 Na afe a ɛtɔ so nson no, nnɔ so, gya ma no nna hɔ kwa.+ Ma ahiafoɔ nnidi asase no so, na deɛ wɔbɛgya ama no aka no, wuram mmoa nni.+ Saa ara na monyɛ mo bobeturo ne ngodua turo.
12 “Fa nnansia yɛ adwuma,+ na da a ɛtɔ so nson no deɛ, nyɛ adwuma. Ɛbɛma wo nantwie ne w’afunumu ahome, na w’afenaa ba ne ɔhɔhoɔ adwodwo wɔn ho.+
13 “Momma mo ani mmra deɛ maka akyerɛ mo nyinaa so,+ na mommmɔ anyame foforɔ din. Mommma obi nnte mpo wɔ mo ano.+
14 “Afe biara monni afahyɛ mprɛnsa mma me.+ 15 Monni paanoo a mmɔreka nnim afahyɛ+ no. Berɛ a mahyɛ no bosome Abib+ mu no duru a, monni paanoo a mmɔreka nnim+ nnanson, ɛfiri sɛ saa bosome no mu na mofiri Egypt baeɛ. Na obiara mmfa nsapan mmma m’anim.+ 16 Afei monni otwa afahyɛ no, berɛ a mode twa mo afuo mu nneɛma+ a ɛdi kan,+ ne anoboaboa afahyɛ wɔ afe awieeɛ, berɛ a moboaboa mo nnɔbaeɛ ano firi mfuo mu no.+ 17 Afe biara ɔbarima biara bɛba abɛgyina Awurade Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn no, anim mprɛnsa.+
18 “Wokum aboa de bɔ afɔdeɛ ma me a, mfa biribiara a emu aka nka mogya no ho. Na mma adeɛ nnkye sradeɛ a wode bɔɔ afɔdeɛ wɔ m’afahyɛ mu no so.+
19 “Fa w’afuo mu nnepa a wobɛtwa no kane no bra Yehowa wo Nyankopɔn fie.+
“Nnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.+
20 “Meresoma ɔbɔfoɔ+ adi w’anim na ɔbɛhwɛ wo wɔ kwan so de wo akɔ baabi a masiesie+ no. 21 Hwɛ wo ho yie n’anim na tie n’asɛm. Hwɛ na woansɔre antia no, ɛfiri sɛ woyɛ bɔne a ɔremfa nkyɛ wo;+ me din da ne so. 22 Na sɛ wowɛn w’aso tie n’asɛm na woyɛ deɛ mɛka+ nyinaa a, mɛtan w’atamfo ani na maha wɔn a wɔha woɔ+ no. 23 Me bɔfoɔ bɛdi w’anim de wo akɔ Amorifoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ asase so, na mɛtu wɔn ase afiri so.+ 24 Nkoto wɔn anyame, nsom wɔn, na nyɛ wɔn nsa ano adwuma no bi,+ na ka ahoni no gu na bubu wɔn abosom adum+ nyinaa. 25 Monsom Yehowa mo Nyankopɔn+ na ɔbɛhyira mo aduane ne mo nsuo so,+ na mɛyi yare bɔne biara afiri mo ntam.+ 26 Ɔbaa biara nni hɔ a ɔbɛnyinsɛn apɔn, na wɔrenhunu bonini biara w’asase so.+ Mɛma nna amee wo.+
27 “Mɛma me ho hu adi w’anim,+ na mɛma nnipa a wobɛkɔ wɔn nkyɛn no nyinaa ani atan. Na mɛma woahunu w’atamfo atikɔ.+ 28 Ansa na wobɛduru hɔ no na mama ayamhyehyeɛ aka wɔn,+ na ɛbɛpamo Hiwifoɔ ne Kanaanfoɔ ne Hitifoɔ afiri w’anim.+ 29 Merempamo wɔn nyinaa mfiri w’anim afe baako mu, na asase no annane amamfõ na mmoa bɔne ammu so ammɛha wo.+ 30 Mɛpamo wɔn nkakrankakra akɔsi sɛ w’ase bɛtrɛ na woafa asase no.+
31 “Asase a mede bɛma woɔ no bɛfiri Po Kɔkɔɔ no ano akɔsi Filistifoɔ po ano, na asan afa ɛserɛ no so akɔsi asubɔnten kɛseɛ+ no ano. Na mede asase no sofoɔ bɛhyɛ mo nsa na woapamo wɔn afiri w’anim.+ 32 Wo ne wɔn anaa wɔn anyame nnyɛ apam biara.+ 33 Nnye wɔn ntena w’asase so na wɔannyegye wo amma woanyɛ bɔne antia me. Sɛ wosom wɔn anyame a, ɛbɛyɛ fidie ama wo.”+