Exodus
24 Afei ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo ne Aaron ne Nadab ne Abihu+ ne Israel mpanimfoɔ aduɔson+ mmra Yehowa anim, na monnyina akyirikyiri mmɔ mo mu ase nsom. 2 Na Mose nko ara mmra Yehowa anim; wɔn a aka no mmma bi, na ɔman no mmforo nnni n’akyi.”+
3 Na Mose bɛkaa Yehowa nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ+ no, na wɔn nyinaa de nokorɔ kaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nyinaa yɛbɛyɛ.”+ 4 Enti Mose twerɛɛ Yehowa nsɛm no nyinaa.+ Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ɔsɔre sii afɔrebukyia ne adum dumienu a ɛgyina hɔ ma Israel mmusua dumienu+ no wɔ bepɔ no ase. 5 Ɛno akyi no, ɔsomaa Israel mmeranteɛ maa wɔkɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔde anantwinini bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ+ maa Yehowa. 6 Mose kyɛɛ mogya no mu mmienu de fã guu nyaawa+ mu, na ɔde fã petepetee afɔrebukyia no so.+ 7 Afei Mose faa apam+ nwoma no na ɔkenkan kyerɛɛ nkurɔfoɔ no.+ Na wɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nyinaa yɛbɛtie na yɛadi so.”+ 8 Enti Mose de mogya petepetee nkurɔfoɔ no so+ kaa sɛ: “Nsɛm yi nyinaa ho apam+ a Yehowa ne mo yɛeɛ no ho mogya nie.”
9 Afei Mose ne Aaron ne Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ aduɔson no foro kɔeɛ, 10 na wɔhunuu Israel Nyankopɔn+ no. Ná biribi te sɛ hoaboɔ wɔ ne nan ase, na sɛdeɛ ɛho teɛ no te sɛ ɔsoro ankasa.+ 11 Wamfa ne nsa anka Israel mmarima atitire+ yi, na wɔnyaa nokorɛ Nyankopɔn no ho anisoadehunu.+ Na wɔdidi nomeeɛ.+
12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Bra me nkyɛn wɔ bepɔ no so bɛtena hɔ, na mɛtwerɛ mmara ne ahyɛdeɛ wɔ aboɔpono so ama wode akyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ+ no.” 13 Enti Mose ne ne somfoɔ Yosua sɔreeɛ, na Mose kɔɔ nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ so.+ 14 Na ɔka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: “Montwɛn wɔ ha nkɔsi sɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn.+ Hwɛ, Aaron ne Hur+ wɔ ha. Enti obi wɔ asɛm bi a ɔmfa mmrɛ wɔn mma wɔnni.”+ 15 Mose foro kɔɔ bepɔ no so berɛ a mununkum akata so nyinaa.+
16 Afei Yehowa animuonyam+ kɔɔ so hyɛɛ Bepɔ Sinai so+ mã, na mununkum no kataa so nnansia. Da a ɛtɔ so nson no, ɔfrɛɛ Mose wɔ mununkum no mu.+ 17 Israelfoɔ no hwɛ Yehowa animuonyam no a, na ɛte sɛ gyaframa+ kɛseɛ bi wɔ bepɔ no so. 18 Afei Mose wuraa mununkum no mu kɔɔ bepɔ no so.+ Na ɔdii bepɔ no so adaduanan, awia ne anadwo.+